YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 44

44
Yosef dwetɛ kuruwa
1Na Yosef hyɛɛ ne fie panin no sɛ: Fa aduane dodoɔ a wɔbɛtumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotokuo mu amaama. Fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotokuo ano, 2na fa me kuruwa, mekyerɛ dwetɛ kuruwa no, hyɛ akumaa no kotokuo ano ka n’aburoo dwetɛ no ho. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no. 3Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, na wɔgyaa mmarima no ne wɔn mfunumu kwan. 4Wɔfirii kuro no mu kɔeɛ na wɔnnya nnuruu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panin no sɛ: Sɔre, ti mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? 5Ɛnyɛ yei na me wura nom mu na ɔde yɛ ne nyankomadeɛ anaa? Deɛ moayɛ yi, moayɛ bɔne. 6Na ɔkɔtoo wɔn no, ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. 7Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa adeɛ yi. 8#Gye 43.22 Hwɛ, dwetɛ a yɛhunuu no yɛn nkotokuo ano no, yɛde asane afiri Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛwia wo wura fie dwetɛ anaa sika? 9Wo nkoa yi mu deɛ wobɛhunu no ne nkyɛn no, ma no nwu, na yɛn nso yɛbɛyɛ me wura nkoa. 10Na ɔse: Ɛnyɛ sɛdeɛ moseɛ no. Na deɛ wɔbɛhunu no ne nkyɛn no nyɛ m’akoa, na mo deɛ, mobɛdi bem. 11Ɛnna wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm soɛsoɛɛ wɔn nkotokuo totoo fam, na wɔsanesanee wɔn nkotokuo ano. 12Na ɔhwehwɛe, ɔfirii aseɛ firi ɔpanin no deɛ so de kɔsii akumaa no deɛ so. Na wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo mu. 13#Gye 37.29 Ɛnna wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔde wɔn nnesoa soasoaa wɔn mfunumu sane kɔɔ kuro no mu.
14Na Yuda ne ne nuanom baa Yosef fie, na ɔda so wɔ hɔ, na wɔhwehwee n’anim ase. 15Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa? 16#Gye 42.21-22; Kwa 1.14 Na Yuda kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnse me wura? Na ɛdeɛn na yɛnka? Na yɛnyi yɛn ano sɛn? Onyankopɔn ahunu wo nkoa amumuyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne deɛ wɔhunuu ne nsam kuruwa no. 17Na ɔse: Ɛmpare me sɛ meyɛ saa. Na deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nsa mu no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m’akoa, na mo deɛ, monsim mfa asomdwoeɛ nkɔ mo agya nkyɛn.
Yuda srɛ ma Benyamin
18Ɛnna Yuda twe pinii no kaa sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa me wura aso mu, na mma wo bo mmfu w’akoa, na wote sɛ Farao ara. 19#Gye 42.7, 13; 43.7 Me wura bisaa ne nkoa sɛ: Mowɔ agya anaa nua bi? 20Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ: Yɛwɔ agya akɔkoraa ne ne nkɔkoraa ba kumaa bi. Ne nua awu, na ne na ba a aka ara ne no, na n’agya dɔ no. 21Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ: Momfa no mmrɛ me, na memfa m’ani menhwɛ no. 22Na yɛsee me wura sɛ: Abɔfra no ntumi nnya n’agya hɔ, na sɛ ɔgya n’agya hɔ a, n’agya bɛwu. 23#Gye 42.15; 43.3-5 Na wosee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi m’anim bio. 24Na yɛkɔɔ w’akoa, m’agya, nkyɛn no, yɛkaa me wura nsɛm no kyerɛɛ no. 25Na yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn. 26Na yɛse: Yɛrentumi nsiane nkɔ. Sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho a, yɛbɛsiane akɔ. Yɛrentumi nkɔ ɔbarima no anim, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. 27Ɛnna w’akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara monim sɛ mma baanu na me yere wo maa me. 28#Gye 37.32-33 Na ɔbaako firii me nkyɛn kɔe, na mese: Ampa ara teteɛ na wɔatete no mu, na ɛfiri hɔ no, menhunuu no. 29#Gye 42.38 Na sɛ mofa oyi nso firi me nkyɛn na mmusuo bi kɔto no a, mode me tiri dwono nam awerɛhoɔ mu na ɛbɛkɔ Asamando. 30Na afei sɛ mekɔ w’akoa, m’agya, nkyɛn na abɔfra yi nka yɛn ho a, — nso n’akoma da abɔfra yi ho, — 31ɛbɛba sɛ, sɛ ɔhunu sɛ abɔfra yi nka yɛn ho a, ɔbɛwu, na wo nkoa de w’akoa, yɛn agya, dwono nam awerɛhoɔ mu na ɛbɛkɔ Asamando. 32#Gye 43.9 Na w’akoa dii abɔfra yi ho agyinamu wɔ m’agya anim sɛ: Sɛ mamfa no mammrɛ wo a, ɛnneɛ na mayɛ m’agya bɔne daa nyinaa. 33Na afei mesrɛ wo, ma w’akoa ntena ha nsi abɔfra no ananmu nyɛ me wura akoa, na ma abɔfra no ne ne nuanom nkɔ. 34Na sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛkɔ m’agya anim sɛn? Ɛnneɛ na merekɔhunu bɔne a ɛbɛto m’agya no.

Currently Selected:

Gyenesis 44: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in