YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 43

43
Yosef nuanom ne Benyamin kɔ Misraim
1Na ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no so. 2Na wɔwiee aduane a wɔde firi Misraim baeɛ no die no, wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔtɔ aduane kakra mmrɛ yɛn. 3#Gye 42.15 Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monnsi m’anim. 4Na sɛ worema yɛn nua ne yɛn akɔ a, ɛnneɛ yɛbɛsiane akɔtɔ aduane abrɛ wo. 5Na sɛ woremma no nkɔ a, ɛnneɛ yɛrensiane nkɔ hɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monsi m’anim. 6Na Israel kaa sɛ: Adɛn nti na moyɛ me bɔne seyie, sɛ moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ nua bie? 7#Gye 42.7-13 Na wɔse: Bisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ nua bi anaa? Deɛ ɔbisabisaeɛ yi ara na yɛbuaeɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɔbɛbisa yɛn sɛ: Momfa mo nua mmra? 8Na Yuda ka kyerɛɛ n’agya Israel sɛ: Ma abɔfra no ne me nkɔ, na yɛnsim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu. 9Medi ne ho agyinamu; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo ammɛgyina w’anim a, ɛnneɛ mayɛ wo bɔne daa nyinaa. 10Sɛ yɛantwentwɛn a, anka sɛsɛɛ yɛakɔ aba mprenu. 11#Mmb 18.16 Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ monyɛ yei: Momfa asase yi so nnepa ngu mo adeɛ mu, na momfa ayɛyɛdeɛ nkɔma ɔbarima no, akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, ohwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nkɔma ɔbarima no. 12#Gye 42.27, 35 Na momfa dwetɛ foforɔ nkura, ne dwetɛ a wɔdane maa mo wɔ mo nkotokuo ano no, monkura nsane nkɔ; ebia ɛyɛ anifasoɔ. 13Na momfa mo nua no, na monsim nsane nkɔ ɔbarima no nkyɛn. 14#Gye 42.36 Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me deɛ, me mma firi me nsa a, na wɔafiri me nsa!
15Na mmarima no faa ayɛyɛdeɛ no, na wɔfaa dwetɛ mmɔho kurae ne Benyamin, na wɔsɔre siane kɔɔ Misraim kɔgyinaa Yosef anim. 16Na Yosef hunuu Benyamin sɛ ɔka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie panin sɛ: Fa nnipa yi kɔ fie, na kum mmoa siesie yɛ aduane, na nnipa yi ne me rebɛdidi awia yi. 17Na ɔbarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɔde nnipa no kɔɔ Yosef fie. 18#Gye 42.28 Na nnipa no suroo sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fie, na wɔkaa sɛ: Dwetɛ a ɛsane kekaa yɛn nkotokuo mu kane no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn ato ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfunumu ayɛ nkoa. 19Na wɔtwe pinii Yosef fie panin no ne no kasae wɔ efie no pono ano 20sɛ: Owura, yɛpa wo kyɛw, yɛsiane baa ha kane bɛtɔɔ aduane. 21Na yɛkɔduruu asoɛeɛ na yɛsanesanee yɛn nkotokuo ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotokuo ano, yɛn dwetɛ sɛdeɛ wɔkariiɛ no pɛ, na yɛkura de asane aba. 22Nso yɛkura dwetɛ foforɔ aba de rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onii ko a ɔde yɛn dwetɛ no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu. 23#Gye 42.24 Na ɔse: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo mo nkotokuo mu ademudeɛ, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na ɔyii Simeon brɛɛ wɔn. 24#Gye 18.4 Na ɔbarima no de nnipa no hyɛnee Yosef fie, na ɔmaa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ho, na ɔmaa wɔn mfunumu aduane.
25Na wɔsiesiee ayɛyɛdeɛ no twɛn ba a Yosef bɛba awigyina no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wɔrebɛdidi hɔ. 26Na Yosef baa fie no, wɔde ayɛyɛdeɛ a wɔkura no kɔɔ ɛdan mu kɔmaa no, na wɔkotoo fam wɔ n’anim. 27#Gye 42.13 Na Yosef bisaa wɔn sɛ wɔn ho yɛ anaa; na ɔse: Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho yɛ anaa? Ɔda so te ase anaa? 28#Gye 37.7, 9 Na wɔse: W’akoa, yɛn agya no ho yɛ, ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotoo no. 29Na ɔmaa n’ani so hunuu ne nua Benyamin, ne na ba no, ɔbisaa sɛ: Mo nua kumaa a mokaa me ne ho asɛm no ni anaa? Na ɔse: Onyankopɔn nnom wo, me ba. 30Na Yosef yɛɛ no ntɛm, ɛfiri sɛ na ɔnhunu deɛ ɔnyɛ wɔ ne nua no ho, na na ɔrehwehwɛ baabi akɔsu, na ɔhyɛnee ne pia mu kɔsuu wɔ hɔ.
31Na ɔhohoroo n’anim, na ɔfirii adi, na ɔhyɛɛ ne ho so kaa sɛ: Momfa aduane mmɛsisi hɔ. 32#Gye 46.34; Eks 8.22 Na wɔde ne deɛ sii fa, na wɔde wɔn deɛ sisii fa, na wɔde Misraimfoɔ a wɔne no redidie no deɛ sisii fa, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ ntumi nnidi, na Misraimfoɔ kyi. 33Na wɔbɛtenatenaa n’anim, ɔpanin sɛdeɛ ne panin teɛ, ne akumaa sɛdeɛ n’akumaa teɛ, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwanwa. 34#Hag 1.6 Na wɔgyegyee aduane no firii n’anim brɛɛ wɔn, na Benyamin deɛ boroo wɔn nyinaa deɛ so mprenum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyee.

Currently Selected:

Gyenesis 43: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in