YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 26

26
Isak kɔ Gerar
1 # Gye 12.10; 20.2 Na ɛkɔm baa asase no so, ɛsono ɛkɔm a ɛbaa Abraham berɛ soɔ no. Na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.
2Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsiane nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ woɔ yi so. 3#Gye 12.7; 22.16 Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina. 4#Gye 15.5; 12.3 Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, 5#Gye 15.5; 12.3 ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.
6Na Isak tenaa Gerar. 7Na ɛhɔfoɔ no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkaa sɛ: Me nua ne no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafoɔ bɛku me; ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ. 8#Mmb 5.18 Na ɔkyɛree hɔ no, Filistifoɔ hene Abimelek hwɛɛ mpomma mu hunui, na hwɛ, Isak ne ne yere Rebeka rewewe. 9Na Abimelek frɛɛ Isak sɛ: Hwɛ, ampa ara ɔyɛ wo yere, na ɛyɛɛ dɛn na wose: Ɔyɛ me nua yi? Na Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiri sɛ medwenee sɛ: Anyɛ saa a, ne nti mɛwu. 10Na Abimelek kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Ɛkaa kumaa bi na anka ɔman yi muni bi ne wo yere dae, na anka wode mmusuo aba yɛn so. 11Na Abimelek hyɛɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa sɛ: Deɛ ɔbɛka ɔbarima yi anaa ne yere no, wuo na ɔbɛwuo.
12 # Mmb 10.22 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no. 13Na Isak nyaa ne ho, na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho kɔsii sɛ ɔyɛɛ kɛseɛ pa ara. 14Na ɔnyaa nnwankuo ne anantwikuo ne nkoa pii. Na Filistifoɔ no ani beree no. 15#Gye 21.25 (Na nsubura a n’agya Abraham nkoa tutuu no n’agya berɛ soɔ no, Filistifoɔ sisii ne nyinaa de dɔteɛ hyehyɛɛ no mama.) 16Na Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: Firi yɛn nkyɛn kɔ, na wowɔ tumi dodo sene yɛn. 17Na Isak sii mu firi hɔ kɔsisii ne ntomadan wɔ Gerar bonhwa mu, na ɔtenaa hɔ.
18Na Isak sane titii nsubura a n’agya Abraham berɛ so wɔtutuiɛ a Abraham wuo akyi Filistifoɔ sisii no no mu. Na ɔtotoo no din sɛdeɛ n’agya totoeɛ no ara. 19Na Isak nkoa funuu bonhwa no mu, na wɔhunuu nsupa abura wɔ hɔ. 20Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek,#26.20 ESEK: Asekyerɛ ne: Ɔham. ɛfiri sɛ wɔne no hamee. 21Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.#26.21 SITNA: Asekyerɛ ne: Apereperedie. 22Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot,#26.22 REHOBOT: Asekyerɛ ne: Prama so anaasɛ Ɛdan mu. na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so. 23Na ɔfirii hɔ kɔɔ Beer-seba. 24Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre. 25#Gye 12.8 Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.
Abraham ne Abimelek yɛ apam
26 # Gye 21.22 Na Abimelek ne n’adamfo Ahusat ne ne safohene Pikol firi Gerar baa ne nkyɛn. 27Na Isak ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn nti na moaba me nkyɛn yi? Sɛ motane me, na moapamo me afiri mo nkyɛn. 28Na wɔse: Yɛahunu pefee sɛ AWURADE di w’akyi. Na yɛse: Ma ntam nna yɛne wo ntam. Na ma yɛne wo mpam, 29sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara; sɛdeɛ yɛanka woɔ, na yɛayɛ wo papa nko ara, na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ mu no. Afei wone deɛ AWURADE ahyira no. 30Na ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomee. 31Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoeɛ firi ne nkyɛn kɔe. 32Na da no ara Isak nkoa ba bɛkaa no abura a wɔtuiɛ no ho asɛm sɛ: Yɛato nsuo. 33#Gye 21.31 Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kuro no din de Beer-seba de bɛsi nnɛ yi ara.
Esau ananafoɔ yerenom
34 # Gye 36.2-3 Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat. 35Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhoɔ.

Currently Selected:

Gyenesis 26: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in