YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 25

25
Abraham ne Ketura mma
(1 Berɛsosɛm 1.32-33)
1 # 1 Be 1.28-34 Na Abraham waree yerɛ bio a ne din de Ketura. 2Na ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Isbak ne Sua maa no. 3Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ. 4Na Midian mma ne Hefa, Hefer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma.
5Na Abraham de deɛ ɔwɔ nyinaa maa Isak. 6Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.
Abraham wuo ne ne sie
7Na Abraham nna a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduɔson nnum. 8#Gye 15.15; Hiob 5.26 Na Abraham gyaa ne honhom mu, na ɔwuu ɛdwono pa mu, wabɔ akɔkoraa, na ɔnyaa mfeɛ pii. Na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.
9Na ne mma Isak ne Ismael siee no Makpela bodan mu, wɔ Hetini Efron, Sohar ba, afuo no mu wɔ Mamre ntentensoɔ, 10#Gye 23.16-17 afuo a Abraham tɔɔ no Het mma nsam no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. 11#Gye 24.62 Na Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahai-roi abura no ho.
Ismael awoɔ ntoatoasoɔ
(1 Berɛsosɛm 1.28-31)
12 # Gye 21.13 Na yei ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awoɔ ntoatoasoɔ: 13Na yei ne Ismael mma din a wɔde frɛɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ no: Ismael abakan Nebaiot. Wɔn a wɔka ho ne Kedar, Adbeel, Mibsam, 14Misma, Duma, Masa, 15Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema. 16#Gye 17.20 Yeinom ne Ismael mma, na yeinom ne wɔn din, sɛdeɛ wɔn nkuraa ne wɔn nsraban teɛ, atitire dummienu ne wɔn aman.
17(Na Ismael nkwa mu mfeɛ a ɔdiiɛ nie: Mfirinhyia ɔha aduasa nson. Na ɔgyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.) 18#Gye 16.12 Na wɔtena firi Hawila kɔsii Sur a ɛwɔ Misraim ntentensoɔ de rekɔ Asiria no. Na ɔne ne nuanom antena no asomdwoeɛ mu.#25.18 Yei yɛ nkyerɛaseɛ a ebinom de ama. Hebri nkyerɛaseɛ no mu nna hɔ papa.
Esau ne Yakob awoɔ
19Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak. 20Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.
21Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.
22Na nkɔkoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ɔse: Sɛ ɛte saa a, na mete ase reyɛ deɛn? Na ɔkɔbisaa AWURADE. 23#Gye 27.29; Mal 1.2; Rom 9.10-12 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ:
Aman mmienu na ɛwɔ wo yam,
na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu.
Na ɔman no baako bɛdi baako so,
na ɔpanin no bɛsom akumaa no.
24Na ne nna duruu so sɛ ɔbɛwoɔ no, na hwɛ, nta wɔ ne yam. 25Na deɛ ɔdi kan firi baeɛ no, na ne ho yɛ kɔɔ, ne ho nyinaa wɔ enwi kusuu. Enti wɔtoo no din Esau.#25.25 ESAU: Asekyerɛ ne: Enwinwi. 26Na ɛno akyiri no, ne nua no firi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob.#25.26 YAKOB: Asekyerɛ ne: Nantinkurafoɔ. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.
Esau tɔn ne panin
27Na mmɔfra no nyinii. Na Esau nim ahayɔ yie, na ɔyɛ ɔhamuni, na Yakob deɛ na ɔyɛ onipa a ɔmpɛ kasa a daa ɔte ntomadan mu. 28Na Isak dɔ Esau, ɛfiri sɛ na ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka deɛ, ɔdɔ Yakob.
29Yakob noaa aduane bi, na Esau firi wiram baeɛ no, na wabrɛ. 30Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me adeɛ kɔkɔɔ yi bi menni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom#25.30 Asekyerɛ ne: Adeɛ kɔkɔɔ) 31Na Yakob kaa sɛ: Tɔn wo panin ma me nnɛ. 32Na Esau kaa sɛ: Hwɛ, wuo na merebɛwuo yi, na ɔpanin yi bɛyɛ me deɛn? 33#Gye 27.36; Heb 12.16 Na Yakob kaa sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panin maa Yakob. 34Ɛnna Yakob maa Esau paanoo ne asedua a wanoa; na ɔdii, na ɔdidi nomee, na ɔsɔre kɔe. Na sɛdeɛ Esau ammu ne panin ne no.

Currently Selected:

Gyenesis 25: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in