YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 23

23
Atɛntenenee ne pɛrepɛreyɛ
1 # Eks 20.16 Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ. 2Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani.
3 # Lew 19.15 Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu. 4#Luk 6.27 Sɛ wokɔto wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wafom kwan a, fa no sane brɛ no. 5Sɛ wohunu deɛ ɔkyiri woɔ afunumu sɛ ɔhyɛ n’adesoa ase a, hwɛ yie na woannya no amma no, sane na wo ne no nsane no. 6#Deut 27.19 Nnane wo mmɔborɔni asɛm ani wɔ atemmuo mu. 7Twe wo ho firi atorosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum deɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremmu ɔbɔnefoɔ bem. 8#Deut 16.19; 27.25 Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm. 9#Eks 22.20 Na nhyɛ ɔhɔhoɔ so, na mo ara monim ɔhɔhoɔ kra, ɛfiri sɛ mo nso moayɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.
Mfeɛ a ɛtɔ so Nson ne Ɛda a ɛtɔ so Nson no
10 # Lew 25; Deut 15.1-11 Mfeɛ nsia na dua w’asase so aduane, na boaboa nnɔbaeɛ no ano sie; 11na deɛ ɛtɔ so nson no so deɛ, ma asase no nhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafoɔ nni, na deɛ wɔbɛgya no, wiram mmoadoma mmɛdi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo.
12 # Eks 20.8-11 Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ.
13 # Yos 23.7 Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu.
Afahyɛ akɛseɛ ahodoɔ mmiɛnsa no
(Eksodɔs 34.18-26; Deuteronomium 16.1-17)
14 # Eks 34.18, 26; Lew 23; Deut 16 Mprɛnsa na hyɛ fa ma me afirinhyia mu. 15#Eks 12.15 Di apiti nnapa no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ ɛno mu na wofirii Misraim baeɛ; nso obiara mmfa nsapan mmmɛpue m’anim. 16Di otwa afahyɛ no, na fa w’adeɛ a woduaa no w’afuo mu no aba a ɛdi kan no brɛ me. Afei nso di anoboaboa afahyɛ no, afe awieeɛ a woaboaboa w’adwumadeɛ ano afiri mfuo mu no. 17Wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn anim mprɛnsa afirinhyia.
18 # Eks 12.10 Mfa m’afɔdeɛ mogya mmɔ afɔdeɛ ngu mmɔreka so, na mma adeɛ nnkye m’afahyɛ mu sradeɛ so. 19#Deut 26.1-11; Eks 22.29; Deut 14.21 W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.
Bɔhyɛ ne Nhyehyɛɛ ahodoɔ
20 # Eks 14.19 Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no. 21#Yes 63.9-10 Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu. 22Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho. 23Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu. 24#Eks 20.5; Lew 18.3 Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛeɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum. 25#Eks 15.26 Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu. 26Worenhunu deɛ ɔpɔn anaa obonini wɔ w’asase so; wo nna dodoɔ no mɛma no adu. 27Mɛma me ho hu adi w’anim, na mama aman a wobɛduru wɔn soɔ nyinaa agyigya, na mama w’atamfo nyinaa adane wɔn akyi akyerɛ wo. 28#Deut 1.44; 7.20; Yos 24.12 Na mɛsoma nkotokurodu adi w’anim na wɔapam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ no wɔ w’anim. 29Merempamo wɔn w’anim afe koro, na asase no annane amamfo, na wiram mmoadoma ammɛdɔɔso antia wo; 30nkakrankakra na mɛpamo wɔn w’anim akɔsi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no. 31#Gye 15.18 Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim. 32#Eks 34.12; Deut 7.2 Ɛne wɔn ne wɔn anyame mmpam. 33#Ate 2.3 Mma wɔnntena w’asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo fidie.

Currently Selected:

Eksodɔs 23: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in