YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 22

22
Ɛka tua ho mmara
1 # Luk 19.8 Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu.
2Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ; 3na sɛ owia pue ne so deɛ a, wɔbɛdi ne mogya ho so. Ananmu na ɔnsie; sɛ ɔnni biribi a, ne korɔno no nti wɔntɔn no. 4Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu.
5Sɛ obi ma n’aboa di afuo anaa bobe turo bi mu adeɛ anaa ɔgyaa no ma no kɔdi obi afuo mu adeɛ a, ɔmfa ɔno ara n’afuo mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ɛnsi ananmu. 6Sɛ ogya dɛre na ɛkɔsɔ nkasɛɛ mu, na ɛhye ayuo afiafi kuo anaa ayuo a ɛgyina hɔ anaa afuo a, hyɛ na deɛ ɔsɔɔ gya no nhyɛ ananmu.
7Sɛ obi de sika anaa nnoɔma ma ne yɔnko asie na wɔwia wɔ onipa no fie na wɔhunu owifoɔ no a, owifoɔ mmu mmɔ ho nhyɛ ananmu. 8#Eks 21.6 Sɛ wɔanhunu owifoɔ no a, wɔmfa efiewura no mmra Nyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no adeɛ no anaa. 9Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu. 10Sɛ obi de afunumu, sɛ nantwie, sɛ odwan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na aboa no wu anaa ɔpira anaasɛ wɔka no to wiram na obi anhunu a, 11AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko aboa no. Na ɔdenadeɛ no mpene na ɔbaako no nsi no ananmu. 12Na sɛ wia na ɔwiaa no ne nkyɛn a, ɔnsi ɔdenadeɛ no ananmu. 13#Gye 31.39 Sɛ teteɛ na aboa bi tetee no a, ɔmfa mmra mmɛdi adanseɛ. Na ɔnnsi deɛ wɔatete no no ananmu.
14Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na aboa no pira anaasɛ ɔwu, na ɔdenadeɛ no ho nnim ho bi a, ɔnii ko no nhyɛ ananmu. 15Sɛ ɔdenadeɛ no nim ho bi a, ɔnnsi ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na ne paadie na ɛmaa no baeɛ.
Abrabɔ ne nyamesom ho mmara
16 # Deut 22.28-29 Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wɔnnyee no awadeɛ ne no da a, ma no mma tiriadeɛ na ɔnware no. 17Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no.
18 # Lew 20.6, 27; Deut 18.10; 1 Sa 28.9 Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase.
19 # Lew 18.23; Deut 27.21 Obiara a ɔne aboa bɛda no, kum na wɔnku saa onipa no.
20 # Deut 13.6-18; 17.2-7 Deɛ ɔbɛbɔ afɔdeɛ ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnseɛ no korakora.
21 # Eks 23.9; Lew 19.33-34; Deut 10.18-19; 24.17-18; 27.19 Na ɔhɔhoɔ deɛ, mmɔ no atirimuɔden, nso nhyɛ no so, ɛfiri sɛ mo nso moakɔyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn. 22#Yes 1.17 Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so. 23Sɛ wohyɛ wɔn so, na wɔsu frɛ me pɛ a, tie na mɛtie wɔn sufrɛ no, 24na m’abufuo ano ayɛ den, na mede nkrantɛ maku mo, na mo yerenom adanedane akunafoɔ, na mo mma ayeyɛ nwisiaa.
25 # Lew 25.36; Deut 23.19; 24.10 Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho.
26 # Deut 24.12-13 Sɛ wogye wo yɔnko ntoma awowa a, sane fa ma no ansa na owia akɔtɔ, 27ɛfiri sɛ ɛno nko ara ne ne nkataho, ne honam ntoma. Ɛdeɛn na ɔmfa nna? Na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mmɔborɔhunufoɔ ne me.
28 # Eks 21.6; Skf 10.20; Aso 23.5 Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.
29 # Deut 18.4; Eks 13.2, 13 Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me. 30#Hes 44.30; Lew 22.27 Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me. 31#Lew 7.24; 11.40; 17.15; 22.8; Deut 14.21; Hes 44.31 Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na monnni nam bi a wɔatete mu wɔ wiram; monto ntwene mma akraman.

Currently Selected:

Eksodɔs 22: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in