YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 21

21
Nkoa ho mmara
(Deuteronomium 15.12-18)
1Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim: 2#Lew 25.39-40; Deut 15.12-17; Yer 34.14 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa. 3Sɛ ɔno nko na ɔbaeɛ a, ɔno nko na ɔnkorɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefoɔ a, ne yere no ne no nkɔ. 4Sɛ ne wura ama no ɔyerɛ, na wawo mmabanin anaa mma mmaa ama no a, ɔbaa no ne ne mma no nyɛ ne wura dea, na ɔno nko nkɔ. 5Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mekɔdie a, 6#Eks 22.8-9, 28; Deut 1.17; Dwom 82 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa.
7 # Eks 21.2 Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa kɔyɛ afenaa a, ɛnneɛ ɔmmfa ne ho nnkɔdi sɛ nkoa no. 8Sɛ ɔnsɔ ne wura a ɔtɔɔ no sɛ ɔreware no ani a, ɔmma wɔmmɛgye no, na ɔnni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, ɛfiri sɛ wadaadaa no. 9Na sɛ ɔgye no awareɛ ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔbabaa. 10Sɛ agya no ware ɔbaa foforɔ ka ne ho a, ɔmmma n’anoduane, ne nkataho ne n’awadeɛ asɛdeɛ so nnhwan. 11Na sɛ wanyɛ adeɛ mmiɛnsa yi amma no a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ kwa, sika biara nni mu.
Kum a ɛnam nsapare soɔ
12 # Gye 9.6; Eks 20.13; Mat 5.21-22 Deɛ ɔbɔ onipa ma no wuo no, kum na wɔnku no. 13#Num 35.6-29; Deut 19.4-13 Na sɛ wantɛ no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnneɛ mɛyi baabi mama wo, na wadwane akɔ hɔ. 14#1 Ah 2.29, 31 Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko ku no aniteɛ mu a, yi no m’afɔrebukyia ho na ɔnwu. 15Deɛ ɔbɔ n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.
16 # Deut 24.7; 1 Ti 1.10 Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no.
17 # Deut 27.16; Mmb 20.20; Mat 15.4 Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.
18Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko boɔ anaasɛ kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a, 19sɛ ɔsɔre bio sɔ ne poma mu nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ no no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ, ne mmerɛ a wasɛe no nko ho ka na ɔntua, na sa na ɔmma wɔnsa no yadeɛ. 20Na sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, wɔntɔ no so were. 21Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wɔnntɔ no so were, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne sika.
22Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfoɔ, na ɔba no firi, na bɔne bi amma akyire a, gyeɛ na wɔnnye no deɛ ɔbaa no kunu de bɛto no soɔ no, na ɔmma sɛdeɛ atemmufoɔ no bɛkyerɛ. 23#Lew 24.19-20; Deut 19.21; Mat 5.38 Na sɛ bɔne bi ba akyire a, ɛnneɛ ma ɔkra nsi ɔkra ananmu, 24aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu, 25ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ ananmu, apirakuro nsi apirakuro ananmu, ntampeɛ nsi ntampeɛ ananmu. 26Na sɛ obi bɔ n’akoa ani anaa n’afenaa ani na ɛsɛe a, n’ani no nti akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi. 27Na sɛ ɔtu n’akoa se anaa n’afenaa se a, ne se no nti ɔmma akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi.
Awuranom asodie
28Sɛ nantwie pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, ɛnneɛ wɔnsi nantwie no aboɔ, na wɔnnni ne nam, na nantwie no wura no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ. 29#Gye 9.5 Na sɛ nantwie no yɛ apempem dada, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakɔkum ɔbarima anaa ɔbaa a, wɔnsi nantwie no aboɔ, na ne wura no nso, wɔnku no. 30Sɛ wɔbɛgye no mpata a, ɔmma adeɛ biara a wɔbɛgye no mfa nnye ne kra. 31Ɔbabanin na ɔpem no oo, ɔbabaa na ɔpem no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no. 32Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ. 33Na sɛ obi kɔbue abura ano anaasɛ obi kɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔhwe mu a, 34amena no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na efunu no nyɛ ne dea. 35Na sɛ obi nantwie pem ne yɔnko nantwie na ɔwu a, wɔntɔn nantwie nikanfoɔ no na wɔnkyɛ ne tiriadeɛ no mu, na efunu no nso wɔnkyɛ. 36Anaasɛ, sɛ wɔnim sɛ nantwie no yɛ apempem dada na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwie nikanfoɔ nsi nantwie no ananmu, na efunu no nyɛ ne dea.

Currently Selected:

Eksodɔs 21: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in