የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 7

7
Atenyie ho nkyerɛkyerɛ
1 # Rom 2:1; 1 Ko 4:5 Hommmu atɛne, na bɛammu ho atɛne. 2#Mar 4:24 Na atɛne a hobu he ɔnoaa ne bɛde bebu ho, na deɛ wode susu he, ɔno ne bɛde besusu ama ho. 3Mmɛ nti ne wohwɛ wo yɔnko ani ase mfrɛ, na wonnwene mpuna a ɔda w’ani so he ho? 4Anaa mmɛ nti ne wotumi ka kyerɛ wo yɔnko sɛ, Mma menyi w’ani ase mfrɛ berɛ a mpuna da so da w’ani so? 5Wo nyaatwomni, di kane yi mpuna a ɔda w’ani so he, na ɔbɛma woahu yie na woatumi ayi wo yɔnko ani ase mfrɛ.
Honngu ade kronkron ho fi
6 # Mat 10:11 Hommfa ade kronkron mma nkramane; na honnto ho nhwene pa ngu mma mprako, na bɛamfa bɛ nane antiatia so na bɛannane amma ho so ammɛseɛ ho.
Adesrɛ
7 # Mat 11:24; Luk 11:5-13; Yer 29:13-14 Hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom, na bebebie pono he ama ho. 8Na biaa a obisa he, ne nsa ka, na biaa a ɔhwehwɛ he, ohu, na biaa a obom he bebie pono he ma no. 9Ho mu hwane ne ne ba bisa no paanoo a ɔbɛma no boɔ? 10Anaa ne ba bisa no adwene a ɔbɛma no wɔ? 11#Yak 1:17 Na afei sɛ ho a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ mpo de nnepa mma ho mma a, ɔbɛyɛ dɛ ne ho Agya a ɔya soro he ɔmmfa nnoɔma pa mma bɛ a bebisa no!
Mmara titire
12 # Mat 22:39-40; Rom 13:8-10 Nti adeɛ biaa a hopɛ sɛ nnipa yɔ ma ho he, honyɔ saa mma bɛ; na yei ne nea mmara he ne adiyifoɔ he ka.
Akwane ahodoɔ mmienu
13 # Luk 13:24 Homfa pono teaa he mu nwuram; na kwane deɛ ɔkɔ sɛeɛ mu he pono trɛ na so fa ɔmmerɛ, na dodoɔ ne fa saa kwane he so. 14#Mat 19:24; Aso 14:22 Na pono teaa, ɔne kwane teaa he so fa ɔdene na ɔno ne kɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi ne hu saa pono ne kwane he.
Dua ne n’aba
15 # Mat 24:4-5; 24:24; Aso 20:29 Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku. 16#Gal 5:19-22; Yak 3:12 Bɛ aduaba ne hode behu bɛ. Bɛtete bobe nkasɛe so anaa bɛtete borɔdoma hwerɛmo so? 17#Mat 12:33 Saa nso ne dua pa biaa so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne. 18Dua pa ntumi nso aba bɔne, saa nso ne dua bɔne ntumi nso aba pa. 19#Mat 3:10; Yoh 15:2; 15:6 Dua biaa a ɔnso aba pa he betwa to twene gya mu. 20Nti bɛ aba ne hode behu bɛ.
Setie ho nkyerɛkyerɛ
21 # Rom 2:13; Yak 1:22; 1:25; 2:14 Ɔnyɛ biaa a ɔfrɛ me sɛ, Awurade, Awurade, ne bɛkɔ soro ahennie mu, na mmom deɛ ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ. 22#Luk 13:25-27; 1 Ko 13:1-2 Saa da he, bebree bebisa me sɛ, Awurade, Awurade, yɛamfa wo dini anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo dini antutu ahonhommɔne, na yɛamfa wo dini annyɔ tumideɛ pii anaa? 23#Mat 25:41; 2 Ti 2:19 Na mɛpae mu aka akyerɛ bɛ sɛ, Mennim ho da; homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔɔ nnebɔne.
Abotane ne anwea so dansie
24 # Mat 7:21 “Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so. 25Nsuo tɔeɛ, nsuhyiri baeɛ, na mframa bɔ bɛbɔɔ no, nso ammu angu, efiri sɛ otoo ne fapem he abotane so. 26Nso nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔnnyɔ he bɛyɛ sɛ bi a onnim nyansa a osii ne dane anweam. 27#Hes 13:10-11 Nsuo tɔeɛ, nsuhyiri baeɛ, mframa bɔ bɛbɔɔ no, na obu guu fam tim bubuu pasaa!”
28 # Mar 1:22; Luk 4:32 Na afei, berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ he, nnipadɔm he ho dwirii bɛ ne nkyerɛkyerɛ he ho, 29#Yoh 7:46 efiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ bi a ɔwɔ tumi, na ɔnyɛ sɛnea bɛ atwerɛfoɔ he kyerɛkyerɛ he.

Currently Selected:

Mateo 7: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ