የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 6

6
Adɔeɛ ho nkyerɛkyerɛ
1“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.
2“Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada. 3#Mat 25:37-40; Rom 12:8 Na sɛ wooyɔ adɔeɛ a, mma wo nsa benkum nnhu deɛ wo nsa nifa ɔɔyɔ, 4saa nti w’adɔeɛ he bɛyɛ kokoam adeɛ; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka (badwam).
Mpaebɔ ho nkyerɛkyerɛ
5“Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada. 6#2 Ah 4:33 Na wo deɛ, sɛ woobɔ mpaeɛ a, kɔhyɛ wo dane mu na to wo ho pono mu na bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.
7 # Yes 1:15 “Sɛ woobɔ mpaeɛ a, nka nsɛm pii kwa sɛ abosonsomfoɔ he; efiri sɛ besusu sɛ bɛkasaa dodoɔ nti bebetie bɛ. 8#Mat 6:32 Na ho deɛ honnyɔ sɛ bɛ, efiri sɛ ho Agya nim deɛ ohia ho ansa na hoobisa no.
9 # Luk 11:2-4 Nti hommɔ mpaeɛ sɛ:
Yɛ Agya a woya soro,
anidie nka wo dini,#6:9Anidie nka wo dini: Akan Twerɛ Kronkron he bi ka sɛ: Wo dini ho nte
10 # Mat 7:21; Luk 22:42 W’ahennie mmra.
Wopɛ nyɛ hɔ,
asaase yi so sɛdeɛ ɔteɛ soro.
11Ma yɛ aduane nnɛ nso, sɛnea wo de ma yɛ daa he.
12Na fa yɛ ka kyɛ yɛ,
# Mat 6:14-15; 18:21-35 sɛnea yɛ nso yɛde akyɛ bɛ a bɛde yɛ ka.#6:12Ka: Asemfua ka he gyina hɔ ma Bɔne
13Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu,
na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]#6:13 Tete atwerɛ a Twerɛ Kronkron mu nimdefoɔ gye tom he mu binom mfa yei nka ho.
14Na sɛ hode bɛ a bɛfom ho he mfomsoɔ kyɛ bɛ a, ho Agya a ɔya soro he nso de ho mfomsoɔ bɛkyɛ ho; 15#Mar 11:25-26 nso sɛ hoammfa afoforɔ bɛ mfomsoɔ ankyɛ bɛ a, ho Agya a ɔya soro he nso ɔmmfa ho mfomsoɔ nkyɛ ho.
Mmuadadie ho nkyerɛkyerɛ
16 # Yes 58:3-7 “Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada. 17Nso sɛ woodi mmuada a, sra wo tim, (nunu mu) na hohoro w’anim, 18sɛnea ɔbɛyɛ a nnipa onnhu sɛ woodi abuada gye sɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.
Soro Agyapadeɛ ho nkyerɛkyerɛ
19“Honnhyehyɛ agyapadeɛ asaase yi so, baabi a mfɔteɛ ne naakyee sɛe no na akorɔmfoɔ bubu kowia; 20#Mat 19:21; Luk 12:33-34; Kol 3:1-2 na mmom honhyehyɛ ho agyapadeɛ soro baabi a mfɔteɛ anaa naakyee ntumi nsɛe no anaa akorɔmfoɔ ntumi mmubu nkowia, 21efiri sɛ baabi a w’agyapadeɛ ya he, hɔ ne w’akoma nso ya.
Akoma mu hann
22 # Luk 11:34-36 “Ani yɛ nipadua kanea. Nti sɛ w’ani yɛ a, nipadua he nyinaa bɛyɛ hann; 23nso sɛ w’ani nyɛ a nipadua he nyinaa bɛyɛ sum. Nti sɛ hann a ɔya ho mu he yɛ sum a, he deɛ sum he bɛyɛ kɛse paa!
Nyankopɔn ne ahonyadeɛ
24 # Luk 16:9; 16:13 “Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”
Honnwennwene
(Luka 12:22-31)
25 # Flp 4:6; 1 Pe 5:7; 1 Ti 6:6; Heb 13:5 Nti meeka akyerɛ ho, honnwennwene ho kra ho, deɛ hobedi anaa deɛ hobɛnom, anaa ho nipadua ho, ɔfa deɛ hobɛhyɛ ho. Nkwa nsom bo nkyɛne aduane, na nipadua nkyɛne ntoma anaa? 26#Mat 10:29-31 Honhwɛ nnomaa a bɛya wiem; bennua, bentwa, na bɛmmoa hwee ano ngu pata so, nso ho Agya a ɔya soro he mma bɛ aduane di. Honsom bo nkyɛne bɛ anaa? 27Na ho mu bi betumi adwennwene de dɔnhwere baako mpo ato ne nkwa so anaa? 28Mmɛ nti ne hodwene nea hobefira ho? Honhwɛ wuram asukooko, sɛdeɛ benyini; bɛnnyɔ adwuma na bɛnnto asaawa, 29#1 Ah 10nso meeka akyerɛ ho, Salomo animuonyam nyinaa akyi he, wanhyehyɛ ne ho sɛ bɛ mu baako mpo.
30Nso sɛ Nyankopɔn fira wura a, ɔya hɔ nnɛ na kyena onni hɔ na bɛatwa ato fononoo mu ahye no, ntoma a, he deɛ ontumi mfira ho ntoma mma no mmoro so anaa, ho a ho gyidie sua? 31Ne saa nti honnwennwene sɛ, Mmɛ ne yebedi anaa Mmɛ ne yɛbɛnom anaa Ɛɛne ne yebefira? 32Na ɔyɛ amanamane mufoɔ ne bɛpre yeinom nyinaa ho; na nɔkorɛ, ho Agya a ɔya soro he nim sɛ hohia yeinom nyinaa. 33#Rom 14:17; 1 Ah 3:13-14; Dwom 37:4; 37:25 Nso honni kane nhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee, na ɔde yeinom nyinaa nso bɛka ho ho.
34 # Mat 6:11; Eks 16:19 “Nti honnwene kyena ho, efiri sɛ haw a ɔya kyena mu he, dɔɔso ma kyena heaa. Haw a ɔya da biaa mu he dɔɔso ma da heaa.”

Currently Selected:

Mateo 6: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ