የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 27

27
Bɛde Yesu baa Pilato anim
1 # Mar 15:1; Luk 22:66; Yoh 18:28 Adeɛ kyeeɛ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane he mu mpanyimfoɔ he nyinaa tuu agyinaa hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no. 2#Luk 23:1; Yoh 18:31-32 Bɛkyekyere no, na befirii adi de no kɔhyɛɛ Pilato a na ɔyɛ amrado he nsa.
Yuda Iskariot nuu ne ho
3 # Mat 26:15 Berɛ a Yuda a oyii no maeɛ he huu sɛ bɛabua Yesu kumfɔ he, onuu ne ho, na ɔde dwetebena aduasa he sane braa asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he. 4Ɔkaa sɛ, “Maayɔ bɔne sɛ maayi nipa a onni fɔ ama.” Nso bɛkaa sɛ, “Ɔfa yɛ ho bɛ? Ɔyɛ woaa w’asɛm.” 5#Aso 1:18; 2 Sa 17:23 Na ɔtoo dwetɛbena aduasa he guu asɔredane he mu he, ofiri hɔ kɔsɛne ne ho. 6#Mar 12:41Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he sesaa dwetɛbena aduasa he, kaa sɛ, “Mmara mma kwane sɛ bɛde begu fotoɔ he mu, efiri sɛ ɔyɛ nipa bi nkwa ano boɔ.” 7Bɛde beti sɛɛ ho he, bɛde kɔtɔɔ kukuo nwomfoɔ asaase he de yɔɔ amanfrafoɔ amusieɛ. 8#Aso 1:19 Yei nti bɛfrɛ saa asaase he Mogyaa Asaase de besi nnɛ. 9#Sak 11:12-13; Yer 32:6-9 Na deɛ diyifoɔ Yeremia kaeɛ he baam sɛ, “Bɛfaa dwetɛbena aduasa he a ɔyɛ boɔ a betwa too nipa he ti so, nea Israel mma binom twaa boɔ too ne ti so he, 10na bɛde tɔɔ kukuo nwomfoɔ asaase he, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me he.”
Pilato bisaa Yesu nsɛm
(Marko 15:2-5; Luka 23:2-3; Yohane 18:29-38)
11Afei Yesu begyinaa amrado he anim; na amrado he bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ Hene he?” Na Yesu kaa sɛ, “Ɔne ne woaka he.” 12#Mat 26:63; Yes 53:7 Nso asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he bɔɔ no kwaadu he, woankasa. 13Na Pilato bisaa no sɛ, “Wonte kwaadu bebree a bɛɛbɔ wo yi?” 14#Yoh 19:9Nso wamma no mmuaeɛ biaa, wammua kwaadu baako koraa, na ɔyɛɛ amrado he nwanwa kɛse.
Bebuaa Yesu kumfɔ
(Marko 15:6-15; Luka 23:13-25; Yohane 18:39—19:1)
15Na afei afahyɛ berɛ he, na amrado he taa yi deduani bi firi afiase ma nnipadɔm he, deɛ bɛpɛ no biaa. 16Na saa berɛ he na bɛwɔ deduani mammɔfoɔ bi a bɛfrɛ no Baraba. 17Nti behyia wieeɛ he, Pilato bisaa bɛ sɛ, “Hwane ne hopɛ sɛ meyi no ma ho, Baraba, anaa Yesu a bɛfrɛ no Kristo he?” 18#Yoh 11:47-48 Obisaa yei efiri sɛ, ohuu sɛ anibereɛ nti ne bɛde Yesu bɛhyɛɛ ne nsa. 19Berɛ a na ɔte atemmuo adwa he so he, ne yerɛ soma maa bɛbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɔ bibiaa ntia saa beema a onni fɔ yi, na nnɛ maabrɛ papaapa, ɔnam daeɛ bi a m’aso afa ne ho nti.” 20Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he bɔɔ nnipadɔm he aso sɛ bɛmma bennyae Baraba, na benku Yesu mmom. 21Amrado he bisaa bɛ bio sɛ, “Nnipa mmienu he mu mmɛneɛ ne hopɛ sɛ megyae no?” Na bɛkaa sɛ, “Baraba.” 22Pilato bisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne memfa nyɔ Yesu a bɛfrɛ no Kristo he?” Bɛ nyinaa bɛkaa sɛ, “Ma bɛmmɔ no asennuam!” 23Na obisaa sɛ, “Mmɛ ntia, abɛ bɔne ne waayɔ?’ Nso bɛkɔɔ so teateam dendenndene sɛ, “Ma bɛmmɔ no asennuam!”
Pilato maa bɛbɔɔ Yesu asennuam
24 # Deut 21:6 Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.” 25#Aso 5:28 Na afei nnipa he nyinaa bom kaa sɛ, “Ne mogyaa mmra yɛ ne yɛ mma so!” 26Nti ogyae Baraba sedeɛ bɛsrɛɛ no he; na bɛhwee Yesu wieeɛ he, ɔde no maa bɛ sɛ bɛnkɔbɔ no asennuam.
Asraafoɔ he dii Yesu ho fɛw
(Marko 15:16-19; Yohane 19:2-3)
27Afei amrado asraafoɔ he faa Yesu kɔɔ amrado he abane mu, na bɛboaboa kuo he nyinaa ano twaa ne ho hyiaeɛ. 28Bɛpaa ne ho, na bɛde ataadeɛ kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, 29na bɛkyimkyim nkasɛe bi maa bɛde yɔɔ ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti. Bɛde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu na bebuu nkotodwe n’anim dii ne ho fɛw sɛ, “Hommɔ Yudafoɔ Hene he se!” 30#Yes 50:6 Bɛtoo ntasuo guu ne so, na bɛgyee demmire he de hwee n’apampam.
Bɛbɔɔ Yesu asennua mu
(Marko 15:20-41; Luka 23:26; 23:33-49; Yohane 19:16-30)
31Bedii ne ho fɛw wieeɛ he, beyii ataadeɛ kɔkɔɔ he firii ne ho, na bɛde ɔnoaa n’ataadeɛ hyɛɛ no. Na afei bɛde no firi hɔ kɔbɔɔ no asennua mu. 32Befirii adi ɔɔkɔ he, bɛtoo Kireneni beema bi a bɛfrɛ no Simon; ɔno ne bɛhyɛɛ no maa no soaa Yesu asennua he. 33Na beduruu faako a bɛfrɛ hɔ Golgota (asekyerɛ ne sɛ Ti Nkankuro Bea), 34#Dwom 69:21 bɛmaa no nsa a bɛde bɔnwoma afra, nso ɔka hwɛeɛ he, wannom. 35#Dwom 22:18Na bɛbɔɔ no asennuam wieeɛ he, bɛtwee ntonto kyɛɛ n’ataadeɛ maa bɛ ho bɛ ho; 36na bɛtenaa hɔ hwɛɛ ne so. 37Bɛtwerɛɛ asɛm a begyinaa so bɔɔ no asennuam he sɛ, “Yei ne Yesu, Yudafoɔ Hene he”, na bɛde bɔɔ n’atifi. 38#Yes 53:12 Na bɛbɔɔ akorɔmfoɔ mmienu asennuam kaa ne ho, baako ya ne nifa ne baako nso ya ne benkum. 39#Dwom 22:7 Bɛ a betwaa mu hɔ he dii ne ho fɛw, wosoo bɛ ti 40#Mat 26:61; Yoh 2:19 na bɛkaa sɛ, “Wo a wodwiri asɔredane na wode nnansa si, gye wo ho ɛ! Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, si firi asennua he so.” 41Saa ara nso ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ ne mane mpanyimfoɔ he dii ne ho fɛw kaa sɛ, 42“Ɔgyee afoforɔ; nso ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔyɛ Israel Hene a, ma no mfiri asennua he so nsi fam, na yɛbɛgye no adi. 43#Dwom 22:8 Ɔde ne ho too Nyankopɔn so, sɛ Nyankopɔn pɛ sɛ ɔgye no a ma no nye no seeseiaa, efiri sɛ, ɔkaa sɛ, ‘Meyɛ Nyankopɔn Ba.’ ” 44Akorɔmfoɔ a bɛbɔɔ bɛ asennuam kaa ne ho he nso dii ne ho fɛw saa ara.
Yesu wuiɛ
45Na ofiri awigyina ɔɔkɔ he, sum baa asaase he nyinaa so kosii awia nɔn mmeɛnsa. 46#Dwom 22:1 Na bɛyɛ awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu he, Yesu teaam dendenndene sɛ, “Eli, Eli lama sabaktani?” asekyerɛ ne sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ɛɛne nti ne woapa me?” 47Berɛ a bɛ a bɛgyingyina hɔ he mu bi teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Beema yi ɔɔfrɛ Elia.” 48#Dwom 69:21 Prɛko pɛ, bɛ mu baako de mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka mu de hyɛɛ dua so, na ɔde maa no sɛ ɔnom. 49Na bɛ a bɛ aka he nso kaa sɛ, “Hontwɛne ma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.” 50Yesu de nne dendene teaam bio, na ogyae ne honhom mu. 51#Eks 26:33; Heb 10:19-20 Saa berɛ he, ntoma a otwa asɔredane he mu he tee mmienu firi soro de kosii fam, na asaase wosoeɛ, na abotane paepaeɛ. 52Na adamena nso biebieɛ, na ahoteefoɔ a bɛawuwu he bebree nyanenyaneɛ, na befirii bɛ adamena mu. 53#Aso 26:23 Na Yesu wusɔreɛ akyi he, befirii bɛ adamenam kɔɔ Yerusalem, Yudafoɔ kuro kronkron he mu koyiyii bɛ ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. 54Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!” 55#Luk 8:2-3 Na mmaa bebree ya hɔ a begyina akyirikyiri ɔɔhwɛ nea ɔɔkɔ so he; bɛ ne bedii Yesu akyi firii Galilea maa no deɛ ohia. 56Bɛ mu binom ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame, ne Sebedeo yerɛ.
Besiee Yesu
(Marko 15:42-47; Luka 23:50-55; Yohane 19:38-42)
57 # Eks 34:25 Na nwunu dwoeɛ he, sikani bi a ofiri Arimatea a bɛfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ; 58ɔno ne kɔɔ Pilato nkyɛne kɔsrɛɛ Yesu amu he. Na Pilato hyɛɛ sɛ bɛmfa amu he mma no. 59Na Yosef faa amu he de nwera fitaa kyekyeree ho 60#Yes 53:9de kɔtoo ɔno ankasa ne damena foforɔ a watwa no abotane mu mu. Na omunii boɔ kɛseɛ bi too nna he ano, na ofirii hɔ kɔeɛ. 61Na Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame he ya hɔ tete baabi a ɔne da he di animhwɛ. 62Na adeɛ kyeeɛ a ɔyɛ da a odi ahosiesie da he akyi he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ behyiaa Pilato anim. 63#Mat 27:40; 12:40 Na bɛkaa sɛ, “Owura, yɛkae sɛ daadaafoɔ he te ase he ɔkaa sɛ ‘Nnansa akyi he menyane.’ 64Nti ma bɛnkɔwɛne da he na asuafoɔ he ammewia no, na bɛanka ankyerɛ mane he sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu’; na ama nnaadaa a ɔbɛba akyire he ansene kane deɛ he.” 65Pilato ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Howɔ asraafoɔ, homfa bɛ nkɔwɛne sɛdeɛ hobetumi biaa.” 66#Dan 6:17 Na bɛkataa boɔ he ano, de nsɔano hyɛɛ no nso maa awɛmfoɔ he wɛne Yesu damena he.

Currently Selected:

Mateo 27: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ