የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 25

25
Yesu de soro ahennie he totoo Mmabaa bi ho
1 # Luk 12:35-36; Adi 19:7 Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu. 2Na bɛ mu nnum yɛ mmadwemma, na nnum nso nyɛ mmadwemma. 3Berɛ a bɛ a bɛnyɛ mmadwemma he faa bɛ nkanea he bɛamfa ngo anka ho; 4nso mmadwemma he deɛ bɛfaa ngo kaa bɛ nkanea he ho. 5Ɔkyɛreɛ a ayefokunu he mmaeɛ he, bɛ nyinaa bɛ ani kumiiɛ na bɛdedaeɛ. 6Nso anadwo dasuom bɛtee nteamu, ‘Hwɛ, ayefokunu he di! Hommra mmehyia no.’ 7Nti mmabaa he nyinaa sɔre sosɔɔ bɛ nkanea he. 8Bɛ a bɛnyɛ mmadwemma he ka kyerɛɛ mmadwemma he sɛ, ‘Homma yɛ ho ngo yi bi, na yɛ nkanea he oodumdum.’ 9Nso mmadwemma he buaa bɛ sɛ, ‘Daabi, ɔnso yɛ ne ho; honkɔ adetɔnfoɔ hɔ nkɔtɔ bi.’ 10Na bɛkɔɔ sɛ bɛɛkɔtɔ bi he, ayefokunu he baeɛ, na bɛ a bɛasiesie bɛ ho he ne no kɔɔ ayefohyia he ase; na bɛtoo pono he mu. 11#Luk 13:25; 13:27 Yei akyi he, mmabaa a bɛnyɛ mmadwemma he nso baeɛ, na bɛkaa sɛ, ‘Owura, owura, bie yɛ.’ 12#Mat 7:23 Nso obuaa sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, mennim ho.’ 13#Mat 24:42 Saa nti honwɛne, efiri sɛ honnim da anaa dɔnhwere korɔ he a (Nipa Ba he bɛba.)
Akontabuo ho mfantoho
(Luka 19:12-27)
14 # Mat 21:33 “Na ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde n’agyapadeɛ hyɛɛ bɛ nsa; 15#Rom 12:6ɔmaa baako sika dwetire#25:15Sika dwetire gyina hɔ ma talente. mmɔho nnum, na foforɔ so mmɔho mmienu na foforɔ so baako, sɛdeɛ biaa ahoɔdene teɛ. Na ɔkɔɔ ne kwane. 16Deɛ onyaa sika dwetire nnum he ntɛmaa ɔde kodii dwa, na ɔnyaa sika dwetire mmɔho nnum kaa ho. 17Saa ne deɛ onyaa mmienu he nso nyaa mmienu kaa ho. 18Nso deɛ onyaa baako he kɔ kotutuu fam na ɔde ne wura sika he siee hɔ. 19Mmerɛ tentene bi akyi he, nkoa he wura he baeɛ na ɔne bɛ bebuu akonta. 20Na deɛ onyaa sika dwetire mmɔho nnum he baa anim, de sika dwetire mmɔho nnum foforɔ baeɛ, ɔkaa sɛ ‘Owura, womaa me sika dwetire mmɔho nnum; hwɛ mede nnum abɛka ho.’ 21#Luk 16:10 Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa ne nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’ 22Na nea ɔnyaa sika dwetire mmɔho mmienu he so baeɛ, bɛkaa sɛ, ‘Owura, womaa me sika dwetire mmɔho mmienu; hwɛ manya mmɔho mmienu aka ho.’ 23#Mat 25:21 Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’ 24Afei deɛ onyaa sika dwetire baako he nso baeɛ, bɛkaa sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ bi a wo asɛm ɔdene, wotwa aba firi baabi a wonnuaeɛ, na woboaboa ano baabi wonto aba mpeteeɛ; 25nti mesuroeɛ, na mede wo sika he kosiee fam. W’adeɛ di, gye.’ 26Nso ne wura he buaa sɛ, ‘Wo akoa bɔne ne anihafoɔ! Wonnim sɛ metwa baabi a mennguiɛ, na meboaboa ano baabi a memmfa mmpeteɛ? 27Saa deɛ a nka ɔsɛ sɛ wode me sika he kɔto sika korabea, na mesane ba a, manya me sika he ne ho ba. 28Afei honye mfiri ne nsam, homfa mma nea ɔnyaa dwetire du he. 29#Mat 13:12Na bɛ a bɛanya bi aka nea bɛde ama bɛ ho he, bɛde bebree bɛka bɛ ho, na bɛanya ama no abu so; na bɛ a bɛanya hwee anka nea bɛde ama bɛ ho he deɛ, kakra a bɛwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri bɛ nsam. 30#Mat 8:12 Akoa a ne so nni mfasoɔ yi deɛ, homfa ne nto sum kabii mu, baabi a suu ne setwerɛ ya.’
Atemmuda kɛseɛ he
31 # Mat 16:27; Adi 20:11-13 “Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so. 32#Rom 14:10 Amane nyinaa bɛboaboa bɛ ano n’anim, na ɔbɛpaepae nnipa mu sɛ dwanhwɛfoɔ paepae nnwane firi mmirekyie mu, 33#Hes 34:17 na ɔde nnwane he begyina ne nsa nifa so na mmirekyie he nso ɔde bɛ agyina ne nsa benkum so. 34Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni; 35#Yes 58:7 efiri sɛ kɔm dee me na homaa me aduane diiɛ, nsukɔm dee me na homaa me nsuo nomeeɛ, meyɛɛ hɔhoɔ na hode me kɔɔ fie, 36medaa adagya na hofiraa me ntoma, meyareeɛ, na hohwɛɛ me, mekɔdaa afiase na hobɛsraa me.’ 37#Mat 6:3 Na teneneefoɔ he bebua sɛ, ‘Awurade, da bɛ ne yehuu sɛ kɔm de wo na yɛmaa wo aduane diiɛ, anaa nsukɔm de wo na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? 38Na da bɛ ne yehuu sɛ woyɛ hɔhoɔ na yɛfaa wo kɔɔ fie, anaa woda adagya na yefiraa wo ntoma? 39Na da bɛ ne yehuu sɛ woyare anaa woda afiase na yɛbaa wo nkyɛne?’ 40#Mmb 19:17; Heb 2:11 Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’ 41#Mat 7:23; Adi 20:10; 20:15 Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu; 42efiri sɛ kɔm dee me nso hoamma me aduane, nsukɔm dee me, nso hoamma me hwee annom, 43meyɛɛ hɔhoɔ nso hoamfa me ankɔ fie, medaa adagya nso hoamfira me ntoma, meyareeɛ na mekɔdaa afiase nso hoammɛsra me.’ 44Hɔ ne bɛ so bɛbɛka sɛ, ‘Awurade, da bɛ na yehuu sɛ kɔm de wo anaa sukɔm de wo, anaa woyɛɛ hɔhoɔ anaa wodaa adagya anaa woyareɛ anaa wokɔdaa afiase, na yɛannyɔ wo yie?’ 45Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’ 46#Yoh 5:29Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”

Currently Selected:

Mateo 25: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ