Chapa ya Youversion
Ikoni ya Utafutaji

Mateo 3

3
Suboni Yohane asɛnka
(Marko 1:1-8; Luka 3:1-18; Yohane 1:19-28)
1 # Luk 1:13 Saa nna he mu he, Suboni Yohane pae mu kaa no Yudea serɛ he so sɛ, 2#Luk 1:13 “Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.” 3#Yes 40:3; Yoh 1:23 Yei ne deɛ diyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ,
“Nea ɔɔteam serɛ so he dɛ,
Siesie Awurade akwane,
ma n’atempɔno ntene.”
4 # 2 Ah 1:8 Na Yohane fira ntoma a bɛde yoma nwii ayɔ a nwoma aboomu bɔ n’asenem, na aduane a odi ne mmɛbɛ ne wuram woɔ. 5Na Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ɔne bɛ a bɛte Yordan agya nyinaa kɔɔ ne nkyɛne, 6na bɛba bɛkaa bɛ bɔne ma ɔbɔɔ bɛ asu Asubɔntene Yordan mu.
7 # Mat 23:33 Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho? 8Honso aba a ɔfata adwensakra. 9#Rom 2:28-29; 4:12; Yoh 8:33; 8:39 Honnsusu nka ne ho adwene mu sɛ, ‘Yɛyɛ Abraham asefoɔ’; na meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn betumi anyane mma afiri boɔ yi mu ama Abraham sɛ mma. 10#Luk 13:7-9 Mpo seesei bɛde akuma ato dua he nhini ase; nti dua biaa a ɔnnso aba he bebetwa na bɛato atwene gya mu.
11 # Yoh 1:26-27; 1:33; Aso 1:5 “Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu. 12#Mat 13:30 Okita ne huhuammoa ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ na woaboaboa n’ayuo ano akogu pata so; nso ntɛ he deɛ, ɔde gya a onnum da bɛhye ne nyinaa.”
Yesu asubɔ
(Marko 1:9-11; Luka 3:21-22; Yohane 1:31-34)
13Afei Yesu firii Galilea baa Yohane nkyɛne Yordan ho, sɛ Yohane mmɔ no asu. 14Nso Yohane pɛɛ sɛ osi no kwane, na ɔkaa sɛ, “Me ne ɔsɛ sɛ wobɔ me asu, ne wo mmom wooba me nkyɛne yi?” 15Nso Yesu buaa no sɛ, “Ma ɔnyɛ saa, ɔyɛ ma yɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Na Yohane penee so maa no. 16Na ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ he, na opie firii nsuo he mu a pɛ, amonom hɔaa ne soro bie maa no na ohuu sɛ Nyankopɔn Honhom oosiane sɛ abuburo ɔɔba ne so. 17#Mat 17:5; Yes 42:1 Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”

Iliyochaguliwa sasa

Mateo 3: BBTP

Kuonyesha

Shirikisha

Nakili

None

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia