1 Mose 6:1-4

1 Mose 6:1-4 ASNA

Ɛberɛ a nnipa dɔɔso wɔ asase so no, wɔwoo mmammaa. Onyankopɔn mmammarima no hunuu sɛ nnipa mmammaa no ho yɛ fɛ enti, deɛ obiara pɛ no no, ɔfaa no wareeɛ. Afei, AWURADE kaa sɛ, “Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ, wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.” Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane wɔ asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no.