YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 40

40
Yosef kyerɛ nneduafoɔ daeɛ ase
1Na ɛbaa sɛ akyire yi Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni fom wɔn wura, Misraimhene no. 2Na Farao bo fuu n’apiafoɔ baanu no, nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no. 3#Gye 39.20 Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ. 4Na ankɔbeafoɔ panin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛree afiase hɔ kakra.
5Na Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni a na wɔgu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo daeɛ anadwo korɔ, ɛsono oyi daeɛ ne n’asekyerɛ, na ɛsono oyi nso daeɛ. 6Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, na wɔayeyɛ mosomosoo. 7Na ɔbisaa Farao apiafoɔ a wɔne no gu afiase wɔ ne wura fie no sɛ: Adɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ bosabosaa sɛɛ? 8#Gye 41.16; Dan 2.27-28 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ! 9Ɛnna nsahyɛfoɔ panin no kaa ne daeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ: Me daeɛ mu no, na hwɛ, bobe bi si m’anim, 10na bobe no apae nkorabata mmiɛnsa, na ayɛ sɛdeɛ ɛrefefɛ, na anyini agu nhyerɛne, na abɔ esia ayɛ aba a abereɛ. 11Na Farao kuruwa kura me, na metetee bobe aba no mekyi guu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsa. 12Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkorabata mmiɛnsa no yɛ nnansa. 13Na aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha de wo asane akɔdi wo dibea bio, na wode Farao kuruwa ahyɛ ne nsa sɛ kane a na woyɛ ne nsahyɛni no. 14Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ ɛsi wo yie a, yɛ me adɔeɛ, na bɔ me din kyerɛ Farao, na bɛyi me ɛdan yi mu, 15#Gye 37.28 ɛfiri sɛ wia na wɔwiaa me Hebrifoɔ asase soɔ, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amena yi mu. 16Na paanootofoɔ panin no hunuu sɛ nkyerɛaseɛ no yɛ no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me nso, me daeɛ mu no, na hwɛ, paanoo nkɛntɛn mmiɛnsa a ɛsisi soɔ wɔ m’atifi. 17Na kɛntɛn a ɛdi soro no mu na Farao anomu atɔduane nyinaa bi wɔ; na nnomaa redidi wɔ kɛntɛn no mu wɔ m’atifi. 18Na Yosef buaa sɛ: Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkyerɛnkyɛ mmiɛnsa no yɛ nnansa; 19na aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha, na wakɔsɛne wo dua so ma nnomaa adi wo nam afiri wo ho.
20Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtoo ne nkoa nyinaa pono, na ɔyii nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ mu panin no de wɔn baa ne nkoa anim; 21na ɔsane de nsahyɛfoɔ mu panin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa. 22Na paanootofoɔ panin no deɛ, ɔsɛnee no, sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ wɔn aseɛ no.
23 # Gye 40.14 Nanso nsahyɛfoɔ panin no ankae Yosef, na ne werɛ firii no.

Currently Selected:

Gyenesis 40: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in