YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 37

37
Yosef ne ne nuanom
1Na Yakob tenaa asase a n’agya yɛɛ so hɔhoɔ a ɛne Kanaan asase no so. 2Na yei ne Yakob abusua ho abakɔsɛm: Yosef dii mfirinhyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nnwan; na aberantewaa no ne n’agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛka wɔn ho asɛmmɔne kyerɛ n’agya. 3Na ɛsiane sɛ Yosef yɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba nti, na Israel dɔ no sene ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛ bi maa no. 4Na ne nuanom hunuu sɛ wɔn agya dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔtanee no, na wɔmfa abodwoɔ ne no nkasa.
5Na Yosef soo daeɛ, na berɛ a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no, wɔtanee no senee akane no. 6Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie daeɛ a maso yi: 7Na hwɛ, na yɛrekyekyere ayuo afiafi wɔ afuom. Na m’afi no sɔre gyinaa kyirebenn, na hwɛ, mo afiafi no twaa m’afi ho hyiae, na ɛrekoto m’afi no. 8Na ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ sɛ worebɛdi yɛn so hene anaasɛ worebɛdi yɛn so tumi? Na ne daeɛ ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tanee no bebree. 9Na ɔsoo daeɛ foforɔ bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bio, na hwɛ, owia ne ɔsrane ne nsoromma dubaako akoto me. 10Na ɔka kyerɛɛ n’agya ne ne nuanom no, n’agya kaa n’anim sɛ: Daeɛ bɛn na woaso yi? Kyerɛ sɛ, me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkoto fam wɔ w’anim? 11Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.
Wɔtɔn Yosef ma wɔde no kɔ Misraim
12 # Gye 33.18-19 Na ne nuanom de wɔn agya nnwan kɔɔ adidie wɔ Sekem. 13Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ wonim sɛ wo nuanom rewɛn mmoa wɔ Sekem. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn. Na ɔse: Menie. 14#Gye 35.27 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem. 15Na ɔbarima bi hunuu no, na hwɛ, na ɔrewɔ wira no mu ntwɛtwɛdɛ. Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Worehwehwɛ deɛn? 16Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nuanom na merehwehwɛ wɔn; mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wɔrehwɛ wɔn mmoa no. 17Na ɔbarima no se: Wɔatu ha; na metee sɛ wɔreka sɛ: Momma yɛnkɔ Dotan. Na Yosef tii ne nuanom, na ɔkɔhunuu wɔn wɔ Dotan.
18Na ne nuanom hunuu no akyirikyiri na ɔnnya nnuruu wɔn nkyɛn no, wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛku no. 19Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no. 20Afei mommra mma yɛnku no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ deɛ ne daeɛ no bɛyɛ.
21 # Gye 42.22 Na Ruben teeɛ no, ɔgyee no firii wɔn nsam kaa sɛ: Mommma yɛnnku no. 22Na ɔkaa sɛ: Monnhwie mogya nngu, na momfa no nto ɛserɛ so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔreyɛ na anka wayi no afiri wɔn nsam de no asane akɔma n’agya. 23#Gye 37.3 Na Yosef duruu ne nuanom nkyɛn no, wɔworɔɔ n’atadeɛ ne batakari fɛfɛ a ɔhyɛ no, 24#Yer 38.6 na wɔde no kɔtoo abura no mu. Nso na abura no da mpan a nsuo nni mu. 25Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, wɔhunuu Ismaelfoɔ akwantufoɔkuo bi a wɔfiri Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso hyehwam ne akyenkyennuro ne kurobo sɛ wɔreba.
26Na Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Sɛ yɛkum yɛn nua na yɛsi ne mogya so a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? 27Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ. Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, ɛfiri sɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no. 28#Gye 25.2 Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. 29#Gye 44.13; 2 Sa 1.11 Na Ruben sane baa abura no so, na hwɛ, na Yosef nni abura no mu. Na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, 30na ɔsane baa ne nuanom nkyɛn bɛkaa sɛ: Abɔfra no nni hɔ, na afei ɛdeɛn na menyɛ?
31Na wɔfaa Yosef atadeɛ no, na wɔkumm ɔpapo bi, na wɔde atadeɛ no bɔɔ mogya no mu. 32Na wɔsoma maa wɔde batakari fɛfɛ no brɛɛ wɔn agya bɛkaa sɛ: Yei na yɛahunu, hwɛ sɛ wo ba no atadeɛ ni anaa? 33#Gye 37.20 Na ɔhwɛeɛ no, ɔkaa sɛ: Ɛyɛ me ba no atadeɛ a! Aboa bɔne bi na awe no, ampa ara wɔatete Yosef mu. 34#Gye 37.29 Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsuu ne ba no kyɛree. 35Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmammaa nyinaa bae sɛ wɔbɛkyekyere ne werɛ, nanso wamma wɔankyekyere ne werɛ. Na ɔkaa sɛ: Mede awerɛhoɔ yi ara bɛkɔ me ba nkyɛn wɔ Asamando. Na n’agya suu no.
36Na Midianfoɔ no kɔtɔnee no wɔ Misraim maa Potifar a ɔyɛ Farao piani ne n’ankɔbeafoɔ so panin no.

Currently Selected:

Gyenesis 37: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in