YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 27

27
Yakob gye Isak nhyira
1Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie. 2Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda. 3Afei fa w’ahayɔdeɛ, w’agyan kotokuo ne w’agyan kɔ wiram kɔpɛ hanam brɛ me, 4#Heb 11.20 na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu. 5Ɛberɛ a Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no, Rebeka tee. Na Esau kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔkum nam aba.
6Na Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ: Hwɛ, metee sɛ w’agya rekasa kyerɛ wo nua Esau sɛ: 7Kɔpɛ hanam brɛ me, na noa m’akɔnnɔduane, na menni, na menhyira wo AWURADE anim ansa na mawu. 8Na afei, me ba, tie me nne, sɛdeɛ merehyɛ woɔ yi: 9Kɔ mmoakuo no mu kɔkyere mmirekyie mma pa mmienu brɛ me, na memfa menyɛ akɔnnɔduane memma w’agya sɛdeɛ ɔpɛ; 10na fa kɔma w’agya, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu. 11#Gye 25.25 Na Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka sɛ: Hwɛ, me nua Esau ho wɔ nwi, na me deɛ, me ho yɛ toromtorom. 12Ebia m’agya bɛka me ho ahwɛ, na mayɛ n’ani so sɛ ɔdaadaafoɔ, na mede nnome maba me so, na ɛnyɛ nhyira. 13Ɛnna ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nnome mmra me so, me ba, tie me nne ara, na kɔkyere wɔn brɛ me. 14Na ɔkɔkyeree wɔn brɛɛ ne na, na ne na de yɛɛ akɔnnɔduane sɛdeɛ n’agya pɛ.
15Na Rebeka faa ne ba panin Esau ntadeɛ fɛfɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ ɛdan mu de hyɛɛ ne ba kumaa Yakob. 16Na ɔde mmirekyie mma no nwoma duraduraa ne nsa ne ne kɔn a ɛho yɛ toromtorom no ho. 17Na ɔde akɔnnɔduane ne paanoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa. 18Na ɔde kɔɔ n’agya nkyɛn, na ɔse: M’agya! Na ɔgyee so sɛ: Menie, ɛyɛ wo hwan a, me ba? 19Na Yakob ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me, w’abakan Esau. Mayɛ sɛdeɛ wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me. 20Na Isak bisaa ne ba no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ɔse: Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na ɔmaa me hyiaa yie. 21Na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Twe pini me, na menka wo menhwɛ, me ba, sɛ ampa ara sɛ me ba Esau ne wo anaasɛ ɛnyɛ ɔno a. 22Na Yakob twe pinii n’agya Isak, na ɔde ne nsa kaa ne ho hwɛe, na ɔkaa sɛ: Ɛnne no yɛ Yakob nne, na nsa no deɛ, ɛyɛ Esau nsa. 23Na wanhu no, ɛfiri sɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau deɛ. Enti ɔhyiraa no. 24Na ɔbisaa no sɛ: Ampa ara sɛ wone me ba Esau anaa? Na ɔse: Mene no. 25Na ɔse: Fa pini me nkyɛn, na menni me ba hanam, na me kra nhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na ɔdii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee. 26Na n’agya Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Twe pini bɛfe m’ano ɛ, me ba. 27Na ɔtwe pinii kɔfee n’ano. Na Isak huaa n’atadeɛ mu hwa hwɛe, na ɔhyiraa no sɛ:
Hwɛ, me ba ho hwa
te sɛ afuo a AWURADE ahyira soɔ mu hwa.
28Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo
ne asase mu sradeɛ bi,
ne aburoo ne nsa pii.
29 # Gye 25.23; 12.3 Aman nsom wo,
na nkurɔfoɔ nkoto wo.
Yɛ wo nuanom so wura,
na wo na mma nkoto wo.
Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ,
na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.
Esau srɛ Isak hɔ nhyira
30Na Isak wiee Yakob hyira na Yakob firii n’agya nkyɛn firii adi ara pɛ na ne nua Esau firi n’ahayɔ baeɛ. 31Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduane de brɛɛ n’agya ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me! 32Na n’agya Isak see no sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, wo ba, w’abakan Esau.
33Na Isak de ahopopoɔ kɛseɛ pa ara kaa sɛ: Hwan mpo ne deɛ ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me, na medii ne nyinaa na mehyiraa no ansa na woreba yi? Nso ɔbɛyɛ deɛ wɔahyira no.
34 # Heb 12.17 Esau tee n’agya nsɛm no, ɔde su kɛseɛ ne awerɛhoɔ pii teaa mu denden ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, hyira me nso bi. 35Na ɔse: Wo nua de nnaadaa aba abɛgye wo nhyira. 36#Gye 25.26, 33 Na ɔse: Ne din nne Yakob anaa? Mprenu ni na watwintwane m’anan mu. Wafa me panin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ɔse: Woamfa nhyira bi ansie me? 37Na Isak bua see Esau sɛ: Hwɛ, mede no mayɛ wo so wura, na mede ne nuanom nyinaa mayɛ ne nkoa. Na mede aburoo ne nsa mawowa no. Na afei wo deɛ, ɛdeɛn na menyɛ woɔ, me ba? 38Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui. 39Na n’agya Isak bua see no sɛ:
Hwɛ, asase a sradeɛ nni mu
ne deɛ ɔsoro bosuo yɛ so na so na wobɛtena.
40 # 2 Ah 8.20 Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ,
na wobɛsom wo nua.
Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a,
wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.
Esau repɛ Yakob aku no
41Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob. 42Na wɔkɔkaa ne ba panin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau rekyekyere ne werɛ sɛ ɔrebɛku wo. 43#Gye 24.10 Afei, me ba, tie me nne, na sɔre dwane kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran, 44na tena ne nkyɛn nna tiaa kɔsi sɛ wo nua anibereɛ no bɛfiri ne mu, 45kɔsi sɛ wo nua abufuo bɛdane afiri wo soɔ, na ne werɛ afiri deɛ woyɛɛ no no, ansa na masoma ama wɔabɛfa wo wɔ hɔ aba. Na adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu da koro?
Isak ma Yakob kɔ Laban nkyɛn
46 # Gye 26.34-35 Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmammaa nti m’asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yerɛ Het mmammaa mu, sɛ yeinom a wɔwɔ ɛha yi a, na me mmerɛ ngui, na mete ase reyɛ deɛn bio?

Currently Selected:

Gyenesis 27: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in