YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 24

24
Wɔsɔ Apam no ano
1 # Num 11.16 Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri. 2Na Mose nko ntwe mpini AWURADE, na wɔn deɛ, wɔnntwe mmpini na ɔman no ne no mmforo mmma.
3 # Eks 19.8 Na Mose ba bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ.
4 # Eks 34.27; 1 Ah 18.31 Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ. 5#Eks 3.12 Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. 6Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so. 7#Eks 24.4 Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie. 8#Heb 9.19-22 Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ɔse: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa soɔ no mogya nie.
9Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ. 10#Hes 1.26 Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara. 11#Eks 33.20-23 Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee.
12 # Eks 31.18 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn. 13Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so.
14Na ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mo deɛ, montena ha ntwɛn yɛn nkɔsi sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma no mmra wɔn nkyɛn.
15Na Mose foro kɔɔ bepɔ no so, na mununkum bɛkataa bepɔ no so. 16#Eks 16.10 Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose. 17#Deut 4.24; 9.3; Heb 12.29 Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim. 18#Eks 34.28 Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo.

Currently Selected:

Eksodɔs 24: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in