YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 12

12
Twam no
1 # Eks 23.15; 34.18; Lew 23.5-14; Num 28.16-25; Deut 16.1-8; Num 9.1-14; 1 Ko 5.7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ: 2#Eks 13.4 Momfa bosome yi nyɛ abosome ti, na ɛnyɛ mo afe mu bosome a ɛdi kan.
3Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako. 4Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die. 5#Lew 22.20 Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu. 6Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ. 7#Eks 12.13, 22 Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wɔbɛdi wɔ mu no aponnwa mmienu ne aponnwatifi no ho. 8Na wɔnni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwononwono nni. 9Monnni no amono, na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto no mua a, ne ti ne n’asrɛ ne n’ayamdeɛ nyinaa ka ho. 10Na monnnya bi nnsie na adeɛ nnkye so. Na sɛ ebi ka na adeɛ kye so a, momfa ogya nhye.
11 # Yes 52.12 Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ AWURADE twam. 12#Num 33.4 Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE. 13#Heb 11.28 Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo. 14Na ɛda yi nyɛ mo nkaeɛ, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awoɔ ntoatoasoɔ mu; monyɛ no afahyɛ, daa atorɔmudeɛ.
Apiti afahyɛ no
15 # Eks 13.7 Nnanson na monni apiti. Da a ɛdi kan no ara na monyi mmɔreka nyinaa mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi mmɔreka paanoo firi da a ɛdi kan no de akɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel mu. 16Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ. 17Na monhyɛ apiti fa no, ɛfiri sɛ saa da yi ara na meyii mo dɔm no firii Misraim asase soɔ. Ɛno nti monni da yi mo awoɔ ntoatoasoɔ mu nyɛ no daa atorɔmudeɛ. 18Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ no momfiri apiti die ase nkɔsi bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako anwummerɛ. 19Nnanson na mommma wɔnnhunu mmɔreka wɔ mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi paanoo a emu aka no, ɔhɔhoɔ oo, deɛ wɔwoo no asase no soɔ oo, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel asafo mu. 20Monnni biribiara a emu aka. Monni apiti mo tenabea nyinaa.
Twam afahyɛ mfitiaseɛ
21Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi nnwan mfa, sɛdeɛ mo mmusua teɛ, na monkum twam aboa no. 22Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa. 23Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo. 24Na monni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛdeɛ mma wo ne wo mma nkɔsi daa. 25Na sɛ moduru asase a AWURADE de bɛma mo sɛdeɛ ɔkaeɛ no so a, monni ɛsom yi so. 26#Gye 18.19; Deut 6.7, 20 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi aseɛ ne sɛn a, 27monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔdeɛ a yɛbɔ ma AWURADE a ɔsianee Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfoɔ na ɔyii yɛn afie firii mu. 28Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no.
Wɔkum Misraimfoɔ mmakan
29 # Eks 4.23 Na anadwo dasuo mu no, AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so ne afieboa mmakan nyinaa. 30Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfoɔ nyinaa, na esu kɛseɛ baa Misraim, ɛfiri sɛ na efie biara nni hɔ a efunu nni mu.
31Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kaa sɛ: Monsɔre mfiri me man mu, mo ne Israelfoɔ no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛdeɛ mokaeɛ no. 32#Eks 10.26 Mo nnwan ne mo anantwie nso, momfa wɔn, sɛdeɛ mokaeɛ no, na monkɔ, na monhyira me nso. 33#Eks 6.1 Na Misraimfoɔ piapiaa ɔman no sɛ wɔnyɛ ntɛm mfiri asase no so, ɛfiri sɛ wɔse: Yɛn nyinaa rewuwu. 34Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛreka, kyekyeree wɔn mmɔre nkodoɔ wɔ wɔn ntoma mu de sisii wɔn kɔn ho. 35#Eks 11.2 Na Israelfoɔ no yeyɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wɔbisabisaa Misraimfoɔ hɔ dwetɛ nnwinneɛ, sika nnwinneɛ ne ntoma. 36#Eks 3.21 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfoɔ anim, na wɔde deɛ wɔbisaeɛ maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfoɔ agyapadeɛ no kɔe.
Israelfoɔ firi Misraim
37Na Israelfoɔ no sii mu firii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam, mpem ahansia, wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. 38Na afrafrafoɔ pii nso ne wɔn kɔe, ne nnwan ne anantwie, mmoa pii pa ara. 39Na wɔde mmɔre a wɔde firi Misraim baeɛ no totoo apiti ɔfam, na na ɛnkae, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ no pamm wɔn, a wɔantwentwɛn wɔn nan ase, na wɔannya kwan nso ansiesie akwansoduane. 40#Gye 15.13 Na Israelfoɔ tena a wɔtenaa Misraim no yɛ mfirinhyia ahanan aduasa. 41Na mfeɛ ahanan aduasa no awieeɛ no, ɛda no ara na AWURADE asafo no nyinaa firii Misraim asase soɔ. 42Ɛyɛ anadwo a AWURADE ankasa dii Israelfoɔ no afoofi na ɔyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔhyɛ ho fa de ma AWURADE wɔ Israelfoɔ nyinaa mu wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.
Twam no ho nhyehyɛɛ
43Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi. 44Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi. 45Mo nkyɛn tenafoɔ ne ɔpaani nnni bi. 46#Yoh 19.36 Efie baako mu na wɔnnie, wɔmmfa nam no bi mmfiri fie hɔ mmfiri adi, na mommmu ne dompe bi. 47Israel asafo nyinaa nyɛ saa. 48Na sɛ obi abɛyɛ wo nkyɛn hɔhoɔ na ɔpɛ sɛ ɔdi twam ma AWURADE a, ma wɔntwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmpinkyɛ mmɛdie, na ɔnyɛ sɛ deɛ wɔwoo no asase no soɔ; na momonoto biara deɛ, ɔnnni bi. 49#Lew 24.22 Mmara koro nna hɔ mma okuromani ne ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu. 50Na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛeɛ. 51Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.

Currently Selected:

Eksodɔs 12: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in