YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 11

11
Misraim mmakan rebɛwuwu
1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw baako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyiri no, ɔbɛma moafiri ha akɔ koraa; pamo mpo na ɔbɛpamo mo afiri ha. 2#Eks 3.21-22 Afei kasa ma ɔman no nte sɛ: Mmarima ne mmaa mmisabisa wɔn nnamfonom hɔ dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ. 3Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam wɔ Misraimfoɔ anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛseɛ pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.
4Na Mose kaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Anadwo dasuo mu no, mɛfiri adi mafa Misraim, 5#Eks 4.23 na Misraim asase so mmakan nyinaa bɛwuwu, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi afenaa a ɔwɔ oyuyammoɔ akyire abakan ne mmoa mmakan nyinaa so. 6Na osu kɛseɛ a ɛso bi mmaa da, na ɛso bi nso remma bio bɛba Misraim asase nyinaa so. 7#Eks 9.4, 26 Na Israel mma nyinaa deɛ, ɔkraman mpo rentwe ne tɛkyerɛma ntia wɔn, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na moahunu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam. 8Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe. 9Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m’anwanwadeɛ adɔɔso wɔ Misraim asase so. 10#Eks 4.21 Na Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no amfiri n’asase so ankɔ.

Currently Selected:

Eksodɔs 11: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in