YouVersion Logo
Search Icon

1 Mose 6:1-4

1 Mose 6:1-4 AKNA

Bere a nnipa dɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea no, Onyankopɔn mmabarima no huu sɛ nnipa mmabea no ho yɛ fɛ, nti nea obiara pɛ no no, ɔfaa no waree. Na AWURADE kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.” Saa bere no, na nnipa abran wɔ asase no so. Bere a Onyankopɔn mmabarima yi kɔɔ nnipa mmabea yi ho no, wɔne wɔn wowoe. Saa nnipa yi ne kan tete nnipa atitiriw a wogyee din no.

1 Mose 6 पढ्नुहोस्

Listen to 1 Mose 6