1
Luka 12:40
New Revised Asante Twi Bible
Enti mo nso, monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monsusuo mu na Onipa Ba no bɛba.
Харьцуулах
Luka 12:40 г судлах
2
Luka 12:31
Na mmom monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.
Luka 12:31 г судлах
3
Luka 12:15
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie pɛpɛɛ ho! Na ɛnyɛ onipa adeɛ a wanya na aboro soɔ no mu na ne nkwa wɔ.
Luka 12:15 г судлах
4
Luka 12:34
Na deɛ mo agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na mo akoma nso wɔ.
Luka 12:34 г судлах
5
Luka 12:25
Na mo mu hwan na ɔbɛtumi adwendwene de basafa baako ato ne tentene soɔ?
Luka 12:25 г судлах
6
Luka 12:22
Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Yei nti mese mo sɛ: Monnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira.
Luka 12:22 г судлах
7
Luka 12:7
Na mo tirinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro, mosene mpatuprɛ bebree.
Luka 12:7 г судлах
8
Luka 12:32
Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.
Luka 12:32 г судлах
9
Luka 12:24
Monhwɛ anene sɛ wɔnguo na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛne wɔn. Sene bɛn na monsene nnomaa!
Luka 12:24 г судлах
10
Luka 12:29
Na mo deɛ, monnhwehwɛ deɛ mobɛdie anaasɛ deɛ mobɛnom, na mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ!
Luka 12:29 г судлах
11
Luka 12:28
Na sɛ Onyankopɔn ma wira mu ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, mprɛ ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidie sua?
Luka 12:28 г судлах
12
Luka 12:2
Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi soɔ, anaa ahunta a wɔrenhunu.
Luka 12:2 г судлах
Нүүр хуудас
Библи
Тѳлѳвлѳгѳѳ
Видео