1
Luka 11:13
New Revised Asante Twi Bible
Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?
Харьцуулах
Luka 11:13 г судлах
2
Luka 11:9
Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo.
Luka 11:9 г судлах
3
Luka 11:10
Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbɛhini no.
Luka 11:10 г судлах
4
Luka 11:2
Na ɔsee wɔn sɛ: Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ: Agya, wo din ho nte, w’ahennie mmra.
Luka 11:2 г судлах
5
Luka 11:4
Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!
Luka 11:4 г судлах
6
Luka 11:3
Ma yɛn yɛn daa aduane daa!
Luka 11:3 г судлах
7
Luka 11:34
Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.
Luka 11:34 г судлах
8
Luka 11:33
Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa kodoɔ ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahunu ne hran.
Luka 11:33 г судлах
Нүүр хуудас
Библи
Тѳлѳвлѳгѳѳ
Видео