1
Mateo 19:26
Apam Foforɔ
Na Yesu hwɛɛ bɛ kaa sɛ, “Nnipa fam deɛ ɔnyɛ yie, nso Nyankopɔn fam deɛ bibiaa nni hɔ a ontumi nyɛ hɔ.”
Mampitaha
Mikaroka Mateo 19:26
2
Mateo 19:6
Ne saa nti bɛnna so nyɛ mmienu bio, na mmom bɛyɛ honam korɔ. Nti deɛ Nyankopɔn de abom he, ɔnsɛ sɛ biaa tete mu.”
Mikaroka Mateo 19:6
3
Mateo 19:4-5
Obuaa sɛ, “Honkenkane sɛ, mfitiaseɛ he, beema ne baa ne Nyankopɔn bɔɔ bɛ na ɔkaa sɛ, ‘Yei nti ne beema begya ne papa ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbata ne yerɛ, na bɛ mmienu ayɛ honam baako’?
Mikaroka Mateo 19:4-5
4
Mateo 19:14
Nso Yesu kaa sɛ, “Homma mmɔfra he mmra me nkyɛne, na ho nsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte saa ne soro ahennie he yɛ bɛ dea.”
Mikaroka Mateo 19:14
5
Mateo 19:30
Nso adikanfoɔ he mu pii bedi akyire, na akyikafoɔ mmom abedi kane.
Mikaroka Mateo 19:30
6
Mateo 19:29
Na biaa a me dini nti, wagya afie anaa nuammeema anaa nuammaa, anaa papa anaa maame anaa mma, anaa nsaase hɔ he, obenya no mmɔho ha, na obenya daa nkwa nso.
Mikaroka Mateo 19:29
7
Mateo 19:21
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo pɛ sɛ wo woyɛ pɛ a, kɔ, tɔno w’ahonyadeɛ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra, bedi m’akyi.”
Mikaroka Mateo 19:21
8
Mateo 19:17
Na obisaa no sɛ, ‘Mmɛ nti ne wobisa me papa ho asɛm? Baako pɛ ne yɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wo nya nkwa a, di ahyɛdeɛ he so.”
Mikaroka Mateo 19:17
9
Mateo 19:24
Bio, meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ mmerɛ ama yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ sikani bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.”
Mikaroka Mateo 19:24
10
Mateo 19:9
Na meeka akyerɛ ho, sɛ ɔnyɛ adwamammɔ nti, na bi gyae ne yerɛ na ɔsane ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”
Mikaroka Mateo 19:9
11
Mateo 19:23
Na Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ dene ama sikani sɛ ɔbɛkɔ soro ahennie mu.
Mikaroka Mateo 19:23
Fidirana
Baiboly
Planina
Horonan-tsary