1
Yohane 1:12
Asante Twi Nkwa Asɛm
Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
비교
Yohane 1:12 살펴보기
2
Yohane 1:1
Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
Yohane 1:1 살펴보기
3
Yohane 1:5
Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so.
Yohane 1:5 살펴보기
4
Yohane 1:14
Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.
Yohane 1:14 살펴보기
5
Yohane 1:3-4
Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
Yohane 1:3-4 살펴보기
6
Yohane 1:29
Adeɛ kyeeɛ a Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no!
Yohane 1:29 살펴보기
7
Yohane 1:10-11
Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no. Ɔbaa nʼankasa ne ɔman mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu.
Yohane 1:10-11 살펴보기
8
Yohane 1:9
Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba ewiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
Yohane 1:9 살펴보기
9
Yohane 1:17
Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ.
Yohane 1:17 살펴보기
홈
성경
묵상
동영상