1
1 Mose 9:12-13
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Na Onyankopɔn kae se, “Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne. Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.
비교
1 Mose 9:12-13 살펴보기
2
1 Mose 9:16
Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”
1 Mose 9:16 살펴보기
3
1 Mose 9:6
“Obiara a ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu, efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.
1 Mose 9:6 살펴보기
4
1 Mose 9:1
Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.
1 Mose 9:1 살펴보기
5
1 Mose 9:3
Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.
1 Mose 9:3 살펴보기
6
1 Mose 9:2
Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.
1 Mose 9:2 살펴보기
7
1 Mose 9:7
Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.”
1 Mose 9:7 살펴보기
홈
성경
묵상
동영상