1
Yohane 17:17
New Revised Asante Twi Bible
Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.
Konpare
Eksplore Yohane 17:17
2
Yohane 17:3
Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.
Eksplore Yohane 17:3
3
Yohane 17:20-21
Na ɛnyɛ yeinom nkutoo nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so bɛgye me adie nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.
Eksplore Yohane 17:20-21
4
Yohane 17:15
Mensrɛ sɛ: Yi wɔn firi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban firi ɔbɔnefoɔ no ho.
Eksplore Yohane 17:15
5
Yohane 17:22-23
Na mede animuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ baako, sɛdeɛ yɛyɛ baako no. Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.
Eksplore Yohane 17:22-23
Akèy
Bib
Plan yo
Videyo