1
Yohane 16:33
New Revised Asante Twi Bible
Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.
Konpare
Eksplore Yohane 16:33
2
Yohane 16:13
Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.
Eksplore Yohane 16:13
3
Yohane 16:24
Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
Eksplore Yohane 16:24
4
Yohane 16:7-8
Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho.
Eksplore Yohane 16:7-8
5
Yohane 16:22-23
Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam; na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.
Eksplore Yohane 16:22-23
6
Yohane 16:20
Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.
Eksplore Yohane 16:20
Akèy
Bib
Plan yo
Videyo