YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 8

8
Nsuyiri no twetwe
1Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa a wɔne no wɔ adaka no mu no nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsu no ano brɛɛ ase. 2#Gye 7.11-12 Na ebun no nsu aniwa sisiwii, na ɔsoro mfɛnsere mu totoe, na osu a efi soro no gyaee tɔ. 3Na nsu no twe fii asase so ara; na nna ɔha aduonum akyi no na nsu no so rehuan.
4Na ɔsram a ɛto so asɔn, ɔsram no da a ɛto so dunsɔn na adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. 5Na nsu no kɔɔ so twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no na mmepɔw atifi dedaa adi.
6Na ɛno akyi adaduanan no, Noa buee adaka no mfɛnsere a ɔyɛe no, 7na ɔsomaa kwaakwaadabi; na ofii adi, na odii akɔneaba de kosii sɛ nsu no yowee asase so. 8Na ɔsomaa aborɔnoma fii ne nkyɛn sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsu no ayow wɔ asase ani anaa. 9Nanso aborɔnoma no annya ne nan sibea, na ɔsan baa ne nkyɛn adaka no mu, efisɛ nsu no da so wɔ asase nyinaa ani ara. Na ɔteɛɛ ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu. 10Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma fii adaka no mu bio. 11Na aborɔnoma no baa ne nkyɛn anwummere, na hwɛ, ngodua ahaban frɔmfrɔm tua n'ano; na Noa hui sɛ nsu no ayow asase so. 12Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma no; na wansan amma ne nkyɛn bio. 13Na afe a ɛto so ahansia ne biako, ɔsram a edi kan no da a edi kan no na nsu no ayow asase so; na Noa yii suhyɛ no fii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase ani awo. 14Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason no na asase so awo koraa.
15Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ: 16Fi adaka no mu, wo ne wo yere ne wo mma ne wo mma yerenom a wɔka wo ho; 17#Gye 1.22, 28 mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a efi ɔhonam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne nea ɛwea asase so nyinaa ne wo mfi adi, na wɔnyɛ asase so manyamanya, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so. 18#2 Pe 2.5 Na Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom fii adi; 19mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, nea ɛkeka ne ho asase so nyinaa, sɛnea wɔn mmoaban te, fi adaka no mu fii adi.
20 # Gye 7.2 Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.
Onyankopɔn bɔhyɛ
21 # Gye 6.5; Nnw 14.3; Hiob 14.4; Mat 15.19; Rom 3.23; Yes 54.9 Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi.
22 # Yer 33.20, 25 Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi,
ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru,
asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo
rennyae da.

Currently Selected:

Gyenesis 8: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in