YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 11

11
Babel Abantenten
1Na asase nyinaa sofo yɛ anokoro kasa ɔkasa koro. 2Na ɛbae sɛ wotuu kwan faa apuei no, wohuu asasetaw bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.
3Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛnto! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte. 4Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.
5 # Gye 18.21; Nnw 18.9; 14.2 Na AWURADE sane bɛhwɛɛ kurow ne abantenten a nnipa mma reto no. 6Na AWURADE kae sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman biako, na wɔn nyinaa kasa ɔkasa koro na nea wɔafi ase reyɛ ni; na afei, biribiara rentumi nsiw wɔn nea wosusuw sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan. 7Wiɛ, momma yensian nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio. 8#Luka 1.51 Na efi hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye. 9Enti na wɔfrɛ hɔ Babel ase ne: Basabasa, efisɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.
Sem awo ntoatoaso
10 # 1 Be 1.24-27; Gye 10.22; Luka 3.36 Eyinom ne Sem awo ntoatoaso: Sem dii mfirihyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyiri no akyi mfe abien. 11Na Sem woo Arfaksad no akyi no, odii mfe ahannum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 12Na Arfaksad dii mfirihyia aduasa anum na ɔwoo Sela. 13Na Arfaksad woo Sela no akyi no, odii mfe ahanan ne abiɛsa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 14Na Sela dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Eber. 15Na Sela woo Eber no akyi no, odii mfe ahanan ne abiɛsa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 16Na Eber dii mfirihyia aduasa anan na ɔwoo Peleg. 17Na Eber woo Peleg no akyi no, odii mfe ahanan aduasa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 18Na Peleg dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Reu. 19Na Peleg woo Reu no akyi no, odii mfe ahanu ne akron, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 20Na Reu dii mfirihyia aduasa abien na ɔwoo Serug. 21Na Reu woo Serug no akyi no, odii mfe ahanu ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 22Na Serug dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Nahor. 23Na Serug woo Nahor no akyi no, odii mfe ahanu, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 24Na Nahor dii mfirihyia aduonu akron na ɔwoo Tera. 25Na Nahor woo Tera no akyi no, odii mfe ɔha ne dunkron, na ɔwoo mmammarima ne mmabea. 26Na Tera dii mfirihyia aduɔsɔn, na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.
Abram agya Tera awo ntoatoaso
27Na eyinom ne Tera awo ntoatoaso: Tera woo Abram ne Nahor ne Haran, na Haran woo Lot. 28Na Haran wui n'agya Tera anim, asase a wɔwoo no wɔ so no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea. 29#Gye 22.20 Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babea. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya. 30Na Sarai yɛ obonin, onni ba.
31 # Yos 24.2; Neh 9.7 Na Tera faa ne ba Abram ne ne nena Lot, Haran ba ne n'ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ. 32Na Tera nna si mfe ahanu ne anum, na Tera wui wɔ Haran.

Currently Selected:

Gyenesis 11: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in