YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 10

10
Noa awo ntoatoaso ne n'asefo
(1 Berɛsosɛm 1.5-23)
1 # 1 Be 1.5-23 Na eyinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awo ntoatoaso; na nsuyiri no akyi wɔwoo mma.
2Yafet mma ni: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. 3Na Gomer mma ne Askenas, Rifat ne Togarma.
4Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim. 5#Sak 2.11 Eyinom mu na nsuano amanaman no fi kɔpetee wɔn nsaase so, sɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua te, wɔn amanaman mu.
6Na Ham mma ne Kus ne Misraim ne Put ne Kanaan. 7Na Kus mma ne Seba ne Hawila ne Sabta ne Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne Saba ne Dedan.
8Na Kus woo Nimrod. Ɔno na ofii ase yɛɛ ɔkatakyie asase so. 9Ɔno na ɔyɛɛ ɔbɔmmɔfo titiriw AWURADE anim; enti na wɔka sɛ ɔbɔmmɔfo titiriw AWURADE anim te sɛ Nimrod. 10Na n'ahenni mfiase ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase so. 11#Yona 1.2 Asase no so na ofi kɔɔ Asaria kɔkyekyee Niniwe, Rehobot-ir ne Kala, 12Resen a ɛda Niniwe, Kala ntam no, ɛne kurow kɛse no. 13Na Misraim woo Ludim, Anamim, Lehabim ne Naftuhim, 14Patrusim, Kasluhim (a Filistifo fii wɔn mu) ne Kaftorim.
15Kanaan woo n'abakan Sidon, Het, 16Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 17Hiwifo, Arkifo, Sinifo, 18Arwadifo, Semarifo ne Hamatifo. Ɛno akyi na Kanaanfo mmusua petee. 19Na Kanaanfo hye fi Sidon kodu Gerar de kosi Gasa kodu Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kosi Lasa. 20Eyinom ne Ham mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase ne wɔn amanaman te.
21 # Gye 11.10 Na wɔwoo mma maa Sem a ɔne Heber mma nyinaa agya ne Yafet ne nua panyin no nso. 22Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. 23Na Aram mma ne Us ne Hul, Geter ne Mas. 24Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber. 25#Gye 11.8 Na Eber woo mma baanu. Nea ɔdi kan no din de Peleg,#10.25 PELEG: Asekyerɛ ne: Nkyekyɛmu. efisɛ, ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan. 26Na Yoktan woo Almodad ne Selef Hasarmawet ne Yera, 27Hadoram, Usal, Dikla, 28Obal, Abimael ne Saba, 29Ofir, Hawila ne Yobab; eyinom nyinaa ne Yoktan mma. 30Na wɔn tenabea fi Mesa kodu Sefar, apuei bepɔw so. 31Eyinom ne Sem mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn amanaman te. 32#Gye 9.1, 19 Eyinom ne Noa mma mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi amanaman petee asase so.

Currently Selected:

Gyenesis 10: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in