Marko 3
3
Homedadi ho asɛm
(Mateo 12.9-14; Luka 6.6-11)
1Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo, 2na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano. 3Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! 4Na obisaa wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wogye obi nkwa anaasɛ wokum no? Na wɔyɛɛ komm. 5#Yoh 11.33 Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye. 6#Mat 22.16 Na Farisifo no fii adi no, ntɛm ara wɔne Herodefo kotuu ne ho agyina sɛnea wobɛsɛe no.
Nnipakuw pii hyia wɔ mpoano
(Mateo 12.15-16; Luka 6.17-19)
7 #
Mat 4.25
Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea, 8Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn. 9Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so. 10Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu. 11#Luka 4.41 Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no. 12Na ɔbraa wɔn ketee sɛ wonnyi no nkyerɛ.
Yesu yi dumien no
(Mateo 10.1-4; Luka 6.12-16)
13Na ɔkɔɔ bepɔw so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn. 14Na oyii wɔn mu dumien sɛ wɔnka ne ho na ɔnsoma wɔn asɛnka, 15na wɔanya ahonhommɔnetu so tumi. 16Na oyii dumien no, na ɔtoo Simon din Petro; 17#Luka 9.54 Sebedeo ba Yakobo, ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Boanerges, ase ne ɔprannaa mma; 18ne Andrea ne Filipo ne Bartolomeo ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo ne Kanani Simon, 19ne Yuda Iskariot a oyii no mae no.
Yesu abusuafo
20Na ɔbaa fie. Na nkurɔfokuw behyiae bio a enti wɔantumi annidi po. 21Na n'abusuafo tee no, wofi bae sɛ wɔrebɛtwe no akɔ; efisɛ wɔkae sɛ: Ne tirim ka no.
Yesu kasa tia nyaatwom
(Mateo 12.24-32; Luka 11.15-22; 12.10)
22Na akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: Ɔwɔ Beelsebub, na ahonhommɔne panyin so na ɔnam tu ahonhommɔne. 23Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina. 25Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina. 26Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asi a, ɔrentumi nnyina, ɛnne na n’awiei ara nen. 27Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfow n’afide, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfo no kan, ansa na wafow ne fi nneɛma. 28Nokware mise mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bekyɛ wɔn; 29na mmom nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no de, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobu da no so. 30#Mar 3.22 Efisɛ wɔkae sɛ: Ɔwɔ honhom fi.
Yesu abusua mapa
(Mateo 12.46-50; Luka 8.19-21)
31Ɛnna ne na ne ne nuanom ba begyinaa mfikyiri soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no. 32Na nkurɔfokuw tete ne ho. Na wosee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo. 33Na obuaa wɔn sɛ: Hena ne me na ne me nuanom? 34Na otwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho no hyiae no, ɔkae sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni! 35Na obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuammarima, ne me nuabea, ne me na.
Επιλέχθηκαν προς το παρόν:
Marko 3: ATWDB
Επισημάνσεις
Κοινοποίηση
Αντιγραφή

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.