Λογότυπο YouVersion
Εικονίδιο αναζήτησης

Marko 1

1
Osuboni Yohane asɛnka
(Mateo 3.1-12; Luka 3.1-18; Yohane 1.19-30)
1Yesu Kristo, [Onyankopɔn Ba]#1.1 Tete akyerɛw foforo a wɔgye tom binom mfa Nyankopɔn ba nka ho asɛmpa no mfiase. 2#Mal 3.1; Mat 11.10 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ:
Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim,
ɔno na obesiesie wo kwan.
3 # Yes 40.3 Obi nne teɛm sare so sɛ:
Munsiesie Awurade kwan!
Momma n’atempɔn nteɛ!
4Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu. 5Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.
6Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo. 7Na ɔpaem kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama. 8Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.
Yesu asubɔ
(Mateo 3.13-17; Luka 3.21-22; Yohane 1.31-34)
9 # Luka 2.51 Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu. 10Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so. 11#Mar 9.7 Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!
Yesu sɔhwɛ
(Mateo 4.1-11; Luka 4.1-13)
12Na amonom hɔ ara Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ sare so. 13Na odii sare so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfo bɛsom no.
Yesu asɛnka mfiase
(Mateo 4.12-17; Luka 4.14-15)
14Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe. 15#Gal 4.4 Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!
Yesu frɛ Asuafo a wɔdi kan
(Mateo 4.18-22; Luka 5.1-11)
16Na ɔnenam Galilea po ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asawu ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofo. 17Na Yesu see wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo. 18Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no hɔ bedii n’akyi. 19Na ofii hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakob ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu. 20Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.
Yesu tu honhom fi
(Luka 4.31-37)
21Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. 22#Mat 7.28-29 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no. 23Na bere koro no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteɛɛm 24#Mar 5.7; Nnw 16.10 sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no. 25Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano na fi no mu kɔ! 26#Mar 9.26 Na honhom fi no ma osinsenee, na ɔde nne kɛse teɛɛm, na ofii no mu kɔe. 27Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no. 28Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so.
Yesu sa nkurɔfo pii nyarewa
(Mateo 8.14-17; Luka 4.38-41)
29Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi. 30Na Simon n’asebea da hɔ yare atiridii, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no. 31Na Yesu ba besoo ne nsa maa no so, na atiridii no gyaa no, na ofii ase som wɔn.
32Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no. 33Na kurow mu no nyinaa bɛkyeree so ɔpon no ano. 34#Luka 4.41; Aso 16.17-18 Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahorow pii yare, na otuu ahonhommɔne bebree, na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, efisɛ wonim no.
Yesu asɛnka wɔ Galilea
(Luka 4.42-44)
35Na ɔsɔree ahemadakye fii adi, na ɔkɔɔ sare so baabi; na ɔkɔbɔɔ mpae wɔ hɔ 36Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tiw no; 37na wohuu no no, wosee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo. 38Na osee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkurow a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na eyi nti na mebae. 39Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.
Ɔkwatani bi ayaresa
(Mateo 8.2-4; Luka 5.12-16)
40Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. 41Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi. 42Na ntɛm ara kwata no fii ne ho, na ne ho fii. 43#Mar 3.12; 7.36 Na Yesu braa no dennennen sɛ ɔnka, na, ɔma ofii adi ntɛm ara. 44#Lew 14.2-32 Na osee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma nea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn. 45Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.

Επιλέχθηκαν προς το παρόν:

Marko 1: ATWDB

Επισημάνσεις

Κοινοποίηση

Αντιγραφή

None

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε