Λογότυπο YouVersion
Εικονίδιο αναζήτησης

Mateo 25

25
Mmabaa du ho bɛ
1 # Luka 12.35-36; Adi 19.7 Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔrekohyia ayeforokunu no ho. 2Na wɔn mu baanum yɛ mmadwemma, na baanum nso nyɛ mmadwemma. 3Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura; 4na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho. 5Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae. 6Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no! 7Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea. 8Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum. 9Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de! 10Na wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu. 11#Luka 13.25; 13.27 Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, bue yɛn! 12#Mat 7.23 Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo. 13#Mat 24.42 Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)
Nkoa pa ne akoa bɔne ho asɛm
(Luka 19.12-27)
14 # Mat 21.33 Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. 15#Rom 12.6 Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan. 16Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum. 17Saa ara na nea onyaa abien no nso konyaa abien kaa ho. 18Na nea onyaa biako no de, ɔkɔe kotutuu fam, na ɔde ne wura sika no siei. 19Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa. 20Na nea onyaa talente anum no bae de talente anum kaa ho bae sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo anum maka ho. 21#Luka 16.10 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu! 22Na nea onyaa talente abien no nso bae sɛ: Owura, talente abien na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo abien maka ho. 23#Mat 25.21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so; kɔ wo wura anigye mu! 24Na nea onyaa talente biako no nso bae sɛ: Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wutwa faako a wunnuae ɛ, na woboaboa ano nea womfa mpetee hɔ ɛ; 25enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni! 26Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihawfo, wunim sɛ mitwa faako a minnuae ɛ, na meboaboa ano nea memfa mempetee? 27Ɛnne anka ɛsɛ wo sɛ wode me sika kɔhyɛ sikasesafo nsa, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom. 28Enti munnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ talente du no! 29#Mat 13.12 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na nea onni bi no de, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. 30#Mat 8.12 Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
Atemmu da kɛse no
31 # Mat 16.27; Adi 20.11-13 Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so. 32#Rom 14.10 Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mmirekyi mu. 33#Hes 34.17 Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mmirekyi no agyina benkum. 34Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni! 35#Yes 58.7 Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi; 36medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn. 37#Mat 6.3 Ɛnna nnipa trenee no bebua no sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee? 38Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wodaa adagyaw na yefuraa wo ntama? 39Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? 40#Mmb 19.17; Heb 2.11 Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.
41 # Mat 7.23; Adi 20.10; 20.15 Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! 42Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me nsu annom; 43meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me. 44Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaa wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo? 45Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me. 46#Yoh 5.29 Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.

Επιλέχθηκαν προς το παρόν:

Mateo 25: ATWDB

Επισημάνσεις

Κοινοποίηση

Αντιγραφή

None

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε