Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubuu abodoo no, na ɔde maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa abien no nso mu maa wɔn nyinaa. Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeemee; na wɔtasee mporoporowa nkɛntɛn dumien mama ne mpataa no nso bi.