1
Mateo 21:22
KYERƐW KRONKRON
Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.
Σύγκριση
Διαβάστε Mateo 21:22
2
Mateo 21:21
Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.
Διαβάστε Mateo 21:21
3
Mateo 21:9
Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!
Διαβάστε Mateo 21:9
4
Mateo 21:13
Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.
Διαβάστε Mateo 21:13
5
Mateo 21:5
Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.
Διαβάστε Mateo 21:5
6
Mateo 21:42
Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?
Διαβάστε Mateo 21:42
7
Mateo 21:43
Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.
Διαβάστε Mateo 21:43
Αρχική
Αγία Γραφή
Σχέδια
Βίντεο