YouVersion Logo
Search Icon

Marko 9

9
1Afei nso ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, binom gyina ha a bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nyankopɔn ahennie he aba tumi mu.”
Yesu Sakraa ya Asuafoɔ he Anim
2Nna nsia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na odii bɛ anim foro kɔɔ bepɔ tentene bi so baabi a biaa nni. Na ɔsakraeɛ bɛ anim, 3na ne ntaadeɛ hyerɛnn fitafita sene deɛ asaase so ntomasifoɔ biaa betumi ama no ayɛ. 4Na Elia ne Mose yii bɛ ho adi kyerɛɛ bɛ, na bɛ ne Yesu ɔɔkasa. 5Afei Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Rabi, ɔyɛ sɛ yɛbɛtena ha; ma yɛnyɔ tenabea mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” 6Nɔkwasɛm ne sɛ na onhu asɛm a ɔnka, efiri sɛ, bɛ ho dwirii bɛ paa. 7#Mar 1:11; 2 Pe 1:17 Na afei mununkum bi bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba korɔ he; hontie no!” 8Na mpofirem bɛhwehwɛɛ hɔ he bɛanhu biaa, gye Yesu nkoaa.
Elia Mmaeɛ
9 # Mar 8:30 Na afei berɛ a beesiane afiri bepɔ he so asi fam he, ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nea bɛahu he nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he benyane afiri awufoɔ mu. 10Nti bɛde asɛm he hyɛɛ bɛ ho. Na beebisabisa nea awufoɔ sɔreeɛ he kyerɛ. 11Na afei bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he ka sɛ ɔsɛ sɛ Elia di kane ba?” 12#Mal 4:5; Yes 53:3 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Elia bedi kane aba ampa abɛtoto nnoɔma nyinaa; na ɔyɛɛ dɛ ne bɛatwerɛ Nipa Ba he ho asɛm sɛ, otwa sɛ ohu amane pii na bebu no animtia? 13#Mat 11:14; 1 Ah 19:2; 19:10 Nso meeka akyerɛ ho sɛ, Elia aba, bɛde nea bɛpɛ biaa ayɔ no, sɛnea bɛatwerɛ afa ne ho he.”
Abɔfra bi a ɔwɔ honhommɔne nyaa ayaresa
14Bɛbaa asuafoɔ a aka he nkyɛne he, behuu nnipadɔm pii sɛ bɛne bɛ ya hɔ, na atwerɛfoɔ binom ne bɛ ɔɔgye akyinnye. 15Na nnipadɔm he nyinaa huu no he, ntɛmaa, bɛ ho dwirii bɛ, na betuu mmirika kɔɔ n’anim kɔkyeaa no. 16Obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne ho ne bɛ ɔɔgye ho akyinnye yi?” 17Nipa bi a ɔya nnipakuo he mu buaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba beema braa wo; honhom bi ya ne so a ɔmma no ntumi nkasa, 18na berɛ biaa a ɔbɛba ne so he, ɔde no hwe fam, na n’ano twa ahuro, na ɔtwerɛ ne sẽ, na wasensene. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ he sɛ, bentu mfiri ne mu, nso bɛantumi.” 19Obuaa bɛ sɛ, “Ho nnemafoɔ a honni gyidie, me ne ho ntena nkosi da bɛ na ho anya gyidie? Menya ho ho abotrɛ nkosi da bɛ’? Homfa no mmra me.” 20Na bɛde abeemaa he braa no. Na honhom he huu no he, ntɛmaa, soro kaa abeemaa he, na ɔhwee fam munimuniɛ, na ahuro betuaa n’ano. 21Yesu bisaa ne papa he sɛ, “Mprɛ mmeɛhe ne yei ato no.” Na ɔkaa sɛ, “Ofiri ne mmɔfrase. 22Ɔtaa de no kɔto gya ne nsuo mu, sɛ ɔbɛsɛe no; nso sɛ wobetumi ayɛ bibi a, hu yɛ mmɔbɔ, na boa yɛ.” 23#Mar 11:23 Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.” 24#Luk 17:5 Ntɛmaa abɔfra he papa teaam sɛ, “Mewɔ gyidie, na baabi a mehia gyidie he boa me!” 25Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi abom de mmirika ɔɔba he, ɔkaa honhom he anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo honhom a womma abeemaa yi ntumi nkasa, na ɔnte asɛm, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu firi kɔ, na mankɔhyɛ ne mu bio.” 26#Mar 1:26 Na ɔteaam, na soro kaa abeemaa he kɛse paa wieeɛ he honhommɔne he firri ne mu, na ɔyɔɔ sɛnea wawu, nti nnipa he bi kaa sɛ, “Waawu.” 27Na Yesu sɔɔ ne nsa pagyaa no, na otumi gyinaa hɔ. 28Ɔkɔɔ fie he, n’asuafoɔ he bisaa no kokoam sɛ, “Mmɛ nti ne yɛantumi antutu honhom fi he?” 29Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ɔnyɛ mpaebɔ ne [akɔnkyena] a, bibiaa nni hɔ a obetumi atutu no.”
Yesu sane hyɛɛ ne Wuo ne ne Sɔreeɛ ho Nkɔm
30Befirii hɔ kɔeɛ, na bɛfaa Galilea. Na ɔmpɛ sɛ biaa behu sɛ ɔɔkɔ; 31#Mar 8:31; 10:32-34 efiri sɛ ná ɔɔkyerɛkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Bebeyi Nipa Ba he ama de no ahyɛ nnipa nsa, na bebeku no, na nnansa akyi he waasɔre bio.” 32#Luk 18:34 Bɛante nea ɔɔka he ase, nso ná besuro sɛ bebebisa no.
Hwane ne Kɛseɛ?
(Mateo 18:1-9; Luka 9:46-50)
33 # Mat 17:24 Afei bɛbaa Kapernaum; na ɔya fie he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne ná hoogye ho akyinnye berɛ a ná yɛnam kwane so he?” 34Nso bɛyɛɛ komm, efiri sɛ, bɛnam kwane so ɔɔba he bɛgyee bɛ ho bɛ ho akyinnye faa nea ɔyɛ kɛseɛ paa ho. 35#Mar 10:44 Ɔtenaa ase, frɛɛ dummienu he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ kannifoɔ he, ɔsɛ sɛ ɔto ne ho mpan, na ɔnsom biaa.” 36#Mar 10:16 Afei ɔde akwadaa ketewa bi begyinaa bɛ mfimfini; na ɔfaa no sii ne basa so he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, 37#Mat 10:40 “Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”
Nipa foforɔ bi a Otu Ahonhommɔne
38 # Num 11:27-28 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yehuu sɛ bi de wo dini ootu ahonhommɔne, na yɛbɔɔ mmɔdene sɛ yebesi no kwane, efiri sɛ ɔnnka yɛ ho.” 39#1 Ko 12:3 Nso Yesu kaa sɛ, “Honnsi no kwane; na biaa nni hɔ a ɔyɔ tumidwuma me dini mu a ɔno akyi heaa obetumi aka me ho asɛm bɔne. 40#Mat 12:30 Nea ɔnko ntia yɛ he ya yɛ afa. 41#Mat 10:42 Na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔbɛma ho nsuo kuruwa baako mpo anom, sɛ hokura Kristo dini nti he, n’akatua ɔmmɔ no da.”
Sɔhwɛ a ɔde bɔne mu
42“Sɛ ho mu bi to nkumaa yi a bɛgye me di yi mu baako sintidua a, afanyinam sɛ bɛde boɔ keseɛ paa ato no kɔno mu, na bɛato mo atwene po mu. 43#Mat 5:30 Sɛ wo nsa to wo sintidua a, twa twene; ɔyɛ ma wo sɛ wode nsa sini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wode wo nsa mmienu bɛkɔ Gehenna, gya a onnum da he mu, 44#Yes 66:24 [faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da.#9:44 Tete atwerɛeɛ he bi mfa yei nka ho.] 45Na sɛ wo nane to wo sintidua a, twa twene; ɔyɛ sɛ wode nansini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nane mmienu na bɛbɛto wo ato Gehenna gya mu, 46#Mar 9:44 [faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da.] 47#Mat 5:29 Na sɛ w’ani to wo sintidua a, tu firi hɔ; ɔyɛ ma wo sɛ, wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na bɛbɛto wo atwene Gehenna gya mu, 48#Mar 9:44; 9:46 faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da. 49#Lew 2:13 “Na gya ne bɛde bɛhyɛ biaa nkyene. 50#Mat 5:13; Luk 14:34; Kol 4:6 Nkyene yɛ; nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, wobɛyɛ dɛ ahyɛ no nkyene? Honnya nkyene ho mu, na ho ne ho ho ntena asomdwie mu.”

Currently Selected:

Marko 9: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in