YouVersion Logo
Search Icon

Marko 2

2
Yesu Saa Bubuani bi Yadeɛ
(Mateo 9:1-8; Luka 5:17-26)
1Na nna bi akyi he, Yesu sane kɔɔ Kapernaum; na benyaa nkra sɛ ɔya fie. 2Nti nnipa bebree behyiaam kyeree so kosii kwane he ano nyinaa, na ɔɔka asɛm he akyerɛ bɛ. 3Na nnipa binom baeɛ a na mu nnan so bubuani. Na bɛde no braa no. 4Na berɛ a nnipa he nti bɛantumi amfa no amma Yesu nkyɛne he, bɛpaa dane he so, tuu tokuro dane he atifi, na begyeegyaa kɛtɛ he a bubuani he da so he mu besii fam. 5Na Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, bɛde wo bɔne akyɛ wo.” 6Ɔkaa saa he, atwerɛfoɔ he binom te hɔ a bebisaa bɛ mu sɛ, 7#Yes 43:25 “Ɛɛne nti ne ɔkasa saa? Ɔyɛ abususɛm! Hwane ne tumi de bɔne kyɛ ka Nyankopɔn ho?” 8Amonom hɔaa, Yesu nyaa atenka ne honhom mu sɛ bɛɛdwene asemmisa yi ho. Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne ho dwene saa asemmisa yi ho ho mu? 9Yei mu deɛhe ne ɔmmerɛ, sɛ bɛbɛka akyerɛ bubuani yi sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo, anaa, Sɔre na fa wo kɛtɛ nante’? 10Na sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, 11“Meeka akyerɛ wo, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.” 12Na ɔsɔreeɛ, na ɔfaa ne kɛtɛ ntɛm pa so, na ofirii bɛ nyinaa bɛ anim hɔ kɔeɛ ma bɛ nyinaa bɛ ho dwirii bɛ na bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam kaa sɛ, “Yenhuu bibiaa sei da.”
Yesu Frɛɛ Lewi
13Yesu firii adi kɔɔ po he ho bio; dɔm he nyinaa betwaa ne ho hyiaeɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ. 14Na ɔnam he, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.” Na ɔsɔre dii n’akyi. 15Na akyire he, ɔbaa sɛ berɛ a Yesu te didipono ho ya Lewi fie he, na ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bebree ne n’asuafoɔ ne te hɔ; na nnipa foforɔ bebree nso ka ne ho. 16Na Farisifoɔ he mu atwerɛfoɔ he huu sɛ ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ oodidi he, bebisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?” 17Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛ a bɛnyare he, benhia yaresafoɔ, gye sɛ bɛ a bɛyare. Mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔnyɛfoɔ.”
Akɔnkyene ho Asemmisa
18Afei, na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔkyene kɔm; na nnipa binom bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔkyene kɔm, na w’asuafoɔ deɛ, bɛnkyene kɔm?” 19Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nnipa a bɛkɔ ayefohyia ntumi nkyene kɔm berɛ a ayefokunu he ya bɛ nkyɛne, ɔnte saa’? Mmerɛ tentene a ayefokunu he ne bɛya hɔ he, ɔnsɛ sɛ bɛkyene kɔm. 20Nso nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛ nkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm.
21“Bɛmmfa ntoma mono sini ntɛ ataadeɛ dada mu; anyɛ saa a, ntemu he bɛte afiri mu, kyerɛ sɛ, ntemu mono he befiri dada he mu, na nteɛ he bɛyɛ kɛse paa. 22Saa ara nso ne bɛmmfa bobesa foforɔ nngu nsakotokuo dada mu, anyɛ saa a, nsa foforɔ he bɛpae kotokuo he na nsa he ahwie agu, na kotokuo he nso bɛsɛe; na mmom bɛde bobesa foforɔ gu nsakotokuo foforɔ mu.”
Homeda He Ho Asɛnka
23Na ɔbaa sɛ homeda bi na Yesu nam aburofuo bi mu, na bɛɛkɔ he, n’asuafoɔ he hyɛɛ aseɛ pempanee aburo mmɛtem he bi. 24Yei maa Farisifoɔ he bisaa no sɛ, “Hwɛ, mmɛ nti ne bɛɛyɔ deɛ otia mmara homeda?” 25Na obisaa bɛ sɛ, “Honnkenkanee deɛ Dawid yɔeɛ berɛ a na kɔm de ɔne ne nkurofoɔ na bɛɛpɛ aduane adi he? 26#1 Sa 21:7; Lew 24:9 Owuraa Awurade fie, berɛ a na Abiata yɛ sɔfopanyini he, na odii Kyerɛ Paanoo a na mmara mma ho kwane mma biaa nni gye asɔfoɔ nkoaa, na ɔde bi nso maa ne nkurofoɔ he ma bediiɛ.” 27#Deut 5:14 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnipa nti ne bɛyɔɔ homeda he, na ɔnyɛ homeda nti ne bɛyɔɔ nnipa; 28nti Nipa Ba he yɛ homeda he so tumfoɔ.”

Currently Selected:

Marko 2: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in