YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 9

9
1 # Mat 4:13 Na ɔfaa kodoɔ twaa po he kɔɔ ɔnoaa ne kurom.
Yesu saa bubuani bi yadeɛ
(Marko 2:1-12; Luka 5:17-26)
2Na hwɛ, nnipa binom de bubuani bi a ɔda kɛtɛ so braa no. Berɛ a Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, ma wo akoma ntɔ wo yam, bɛde wo bɔne akyɛ wo.” 3#Mar 2:7 Na atwerɛfoɔ bi keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Beema yi ɔɔka abususɛm.” 4#Mat 12:25; Yoh 2:25 Na Yesu huu bɛ adwene he, ɔkaa sɛ, “Mmɛ nti ne ho dwene bɔne ho akoma mu? 5Na yei mu mɛneɛ ne ɔmmerɛ, sɛ wobɛka sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa sɛ wobɛka sɛ, ‘Sɔre nante’? 6Na sɛ hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti a.” Na afei ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.” 7Na ɔsɔreeɛ na ɔkɔɔ ne fie. 8Berɛ a nnipadɔm he huu yei he, bɛ ho dwirii bɛ, na bɛhyɛɛ Nyankopɔn a ɔde tumi a ɔte sei ama nnipa he animuonyam.
Yesu frɛɛ Mateo
(Marko 2:18-22; Luka 5:33-38)
9Na Yesu nam he, ohuu beema bi a bɛfrɛ no Mateo sɛ ɔte togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.” Na ɔsɔre dii n’akyi.
10Na Yesu ne n’asuafoɔ tenaa#9:10 Hela asemfua a yɛakyerɛ aseɛ sɛ ‘tenaa adidiiɛ’ he asekyerɛ paa ne sɛ nnipa tete hɔ na bɛtwetwere be ho be ho oodidi. adidiiɛ fie hɔ he, hwɛ, atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bebree nso bɛtenaa bɛ nkyɛne. 11#Luk 15:2 Berɛ a Farisifoɔ he huu yei he, bɛka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho kyerɛkyerɛni yi ne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?” 12Na ɔtee yei he, ɔkaa sɛ, “Bɛ a bɛte apɔ he benhia yaresafoɔ, na mmom gye sɛ bɛ a bɛyare he ne hia yaresafoɔ. 13#Hos 6:6; 1 Sa 15:22; Mat 18:11 Honkɔ nkosua nea Nyankopɔn kyerɛ, sɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na nyɛ afɔrebɔ.’ Na mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom mebaa sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ.”
Akɔnkyene ho nkyerɛkyerɛ
(Marko 2:18-22; Luka 5:33-38)
14 # Luk 18:12 Afei Yohane asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne yɛ ne Farisifoɔ he taa kyene kɔm, na wo asuafoɔ yi deɛ nkyene kɔm?” 15#Yoh 3:29 Na Yesu ka kyerɛ bɛ sɛ, “Ayefohyia he ahɔhoɔ ntumi nni awerɛhoɔ berɛ a ayefokunu he ya bɛnkyɛne, ɔnte saa? Nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛnkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm. 16#Yoh 1:17 Biaa mfa ntoma mono sini ntɛ ataadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmuu he bɛte afiri mu ama ne nteɛ he ayɛ kɛse paa. 17Saa nso ne bɛmmfa bobesa foforɔ ngu nsakotokuo dadaa mu; anyɛ saa a, nsakotokuo he bɛpae ama bobesa he ahwie agu, na kotokuo he asɛe. Na mmom bɛde bobesa foforɔ gu nsakotokuo mono mu, na ne mmienu nyinaa ansɛe.”
Abaayaa bi baa nkwa mu bio na maame bi nso nyaa ayaresa
(Marko 5:22-43; Luka 8:41-56)
18Berɛ a Yesu gu so ɔɔka yeinom akyerɛ bɛ he, mpofiremuaa hyiadane mu panyini bi ba bebuu nkotodwe n’anim kaa sɛ, “Me ba baa awu seseiaa; na bra na fa wo nsa begu ne so na obenya nkwa.” 19Na Yesu sɔre ne n’asuafoɔ he dii hyiadane mu panyini he akyi. 20Afei mpofiremuaa, baa bi a mogyaa atu no mfirinhyia dummienu firii Yesu akyi bɛsɔɔ n’ataadeɛ ano, 21#Mat 14:36 efiri sɛ, ɔkaa ne ne tim sɛ, “Sɛ mesɔ n’ataadeɛ ano nkoaa mpo a, menya ayaresa.” 22Yesu danee ne ho, na ohuu no he, ɔkaa sɛ, “Babaa, ma w’akoma ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.” Na amonom hɔaa baa he nyaa ayaresa. 23Berɛ a Yesu duruu panyini he fie na ohuu atɛntɛmmɛne hyɛnefoɔ ne nnipadɔm a bɛɛyɔ gyegyeegye he, 24#Yoh 11:11; 11:14; 11:25 ɔkaa sɛ, “Homfiri ha nkɔ; na abaayaa he nwuiɛ, na waada.” Na bɛseree no twee. 25Na bɛmaa nnipadɔm he kɔɔ abɔntene he, ɔkɔɔ dane he mu na ɔsɔɔ ne nsa, na abaayaa he sɔreeɛ. 26Na yei ho amanebɔ trɛɛ mansini mu hɔ nyinaa.
Yesu saa anifirafoɔ mmienu yadeɛ
27Na Yesu firii hɔ kɔeɛ he, anifirafoɔ mmienu dii n’akyi teateam dendene sɛ, “Hu yɛ mmɔbɔ, Dawid ba!” 28Berɛ a ɔkɔɔ fie hɔ he, anifirafoɔ he baa ne nkyɛne, na Yesu bisaa bɛ sɛ, “Hogye di sɛ metumi ayɔ yei?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade.” 29#Mat 8:13 Afei ɔde ne nsa kaa bɛ ani, na ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ ho gyidie teɛ he, ɔnyɔ saa mma ho.” 30#Mat 8:4 Na bɛ ani biebieɛ. Afei Yesu bɔɔ bɛ kɔkɔ dendenndene sɛ, “Honhwɛ na biaa ante yei.” 31Nso befirii hɔ kɔeɛ a ne bɛde ne ho asɛm trɛɛ mansini he mu nyinaa.
Yesu saa mum bi yadeɛ
32Bɛkɔeɛ akyi he, bɛde mum bi a honhommɔne ya ne mu braa no. 33Na berɛ a otuu honhommɔne he, mum he kasaeɛ; na nnipadɔm he ho dwirii bɛ, na bɛkaa sɛ, “Biaa nhuu bibiaa a ɔte sei Israel da.” 34#Mat 12:24 Nso Farisifoɔ he kaa sɛ, “Ɔde ahonhommɔne panyini tumi ne tu ahonhommɔne he.”
Twa adwuma he so, nso apaafoɔ he sua
35 # Mat 4:23 Afei Yesu kyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa ase, kyerɛkyerɛ bɛ hyiadane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa he, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ nyinaa. 36#Mat 14:14; Mar 6:34; Hes 34:5 Berɛ a ohuu nnipadɔm he, ohuu bɛ mmɔbɔ, efiri sɛ na bɛɛteetee a na bɛabrɛ nso, na begu hɔ sɛ nwane a benni hwɛfoɔ. 37#Luk 10:2 Na ɔka kyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Twa he so, nso apaafoɔ he sua; 38nti hommisa twawura he na ɔnsoma apaafoɔ nkɔ ne twa adwuma he mu.”

Currently Selected:

Mateo 9: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in