YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 28

28
Yesu wusɔreɛ
(Marko 16:1-10; Luka 24:1-10; Yohane 20:1-18)
1Na homeda twaa mu he, nnawɔtwe he da a odi kane ahemakye, Maria Magdalene ne Maria foforɔ he baa sɛ bɛbɛhwɛ da he. 2Na mpofirem, asaasewosoɔ kɛseɛ siiɛ, na Awurade bɔfoɔ firi soro siane baeɛ, beminii boɔ he firii da he ano, na ɔtenaa so. 3#Mat 17:2; Aso 1:10 Na ne ho te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ asukɔtwea. 4Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ he ho popoeɛ, na bɛyɛɛ sɛ nea bɛawuwu. 5Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ mmaa he sɛ, “Honnsuro! Na menim sɛ hoohwehwɛ Yesu a bɛbɔɔ no asennua mu he. 6#Mat 12:40; 16:21; 17:23; 20:19; Aso 2:36 Onni ha, na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ he. Hommra mmɛhwɛ baabi a na ɔda! 7#Mat 26:32 Na honkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, oodi ho anim kane akɔ Galilea, hɔ ne hobehu no.’ Hwɛ, maka akyerɛ ho.” 8Nti befirii damena he so ntɛmaa de suro ne anigye kɛseɛ tutuu mmirika sɛ bɛɛkɔka akyerɛ n’asuafoɔ he. 9Na ntɛmaa, Yesu hyiaa bɛ kaa sɛ, “Asomdwie nka ho!” Na bɛbaa ne nkyɛne bɛsɔɔ ne nane koto sɔree no. 10#Heb 2:11Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”
Awɛmfoɔ he amanebɔ
11Bere a bɛnam kwane so ɔɔkɔ he, hwɛ, awɛmfoɔ he bi kɔɔ kuro he mu kɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyimfoɔ he. 12Na berɛ a bɛ ne mpanyimfoɔ he hyiaeɛ he betuu agyina bɔɔ pɔ maa awɛmfoɔ he sika kɛseɛ 13#Mat 27:64 ka kyerɛɛ bɛ sɛ “Honka sɛ, ‘Anadwo a na yɛadeda he ne n’asuafoɔ he bewiaa no.’ 14Na sɛ Amrado he te yei a, yɛbɛkyerɛ no mu na ho ho anka adwaam.” 15Nti bɛgyee sika he, ne bɛkɔyɔɔ sɛdeɛ bɛhyɛɛ bɛ he. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de besi nnɛ.
Asɛmpatrɛ adwuma ho ahyɛdeɛ
16 # Mat 28:7 Afei asuafoɔ dubaako he kɔɔ, bepɔ bi a ɔya Galilea a na Yesu akyerɛ bɛ he so. 17Behuu no he, bɛkoto sɔree no, nso binom gyee akyinnye. 18#Mat 11:27; Efe 1:20-22 Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me. 19#Mar 16:15-16 Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu, 20#Mat 18:20na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”

Currently Selected:

Mateo 28: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in