YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 19

19
Awaregyaeɛ ho nkyerɛkyerɛ
(Marko 10:1-12)
1Yesu ka yeinom wiee he, ofirii Galilea kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi. 2Na nnipa nnipadɔm pii dii n’akyi, na ɔsaa bɛ yadeɛ hɔ. 3#Mat 5:31-32 Na Farisifoɔ baa ne nkyɛne bɛsɔɔ no hwɛeɛ, sɛ, “Mmara ma ho kwane sɛ asɛm bi nti beema bi gyae ne yerɛ anaa?” 4#Gye 1:27 Obuaa sɛ, “Honkenkane sɛ, mfitiaseɛ he, beema ne baa ne Nyankopɔn bɔɔ bɛ 5#Gye 2:24 na ɔkaa sɛ, ‘Yei nti ne beema begya ne papa ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbata ne yerɛ, na bɛ mmienu ayɛ honam baako’? 6#1 Ko 7:10-11Ne saa nti bɛnna so nyɛ mmienu bio, na mmom bɛyɛ honam korɔ. Nti deɛ Nyankopɔn de abom he, ɔnsɛ sɛ biaa tete mu.” 7#Deut 24:1 Afei bebisaa no sɛ, “Hedeɛ, mmɛ nti ne Mose hyɛɛ yɛ sɛ, bi betumi ama awaregyaeɛ krataa na wagyae baa he?” 8Ɔka kyerɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ ho akomadene nti ne Mose maa ho kwane sɛ honyae ho yerɛnom, na ofiri mfitiaseɛ he, na ɔnte saa. 9#Luk 16:18 Na meeka akyerɛ ho, sɛ ɔnyɛ adwamammɔ nti, na bi gyae ne yerɛ na ɔsane ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”
10N’asuafoɔ he ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ saa ne beema ne ne yerɛ asɛm teɛ deɛ a, ɔnsɛ sɛ bi ware koraa.” 11#1 Ko 7:7; 7:17 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔnyɛ biaa ne betumi agye saa nkyerɛkyerɛ yi, gye sɛ bɛ a bɛde ho nteaseɛ ama bɛ nkoaa. 12Na binom ya hɔ a bɛwoo bɛ he na bɛ ho nni hɔ, na binom nso ya hɔ a, nnipa ne ama bɛ ayɛ saa, na binom so ya hɔ a bɛ ankasa, ne soro ahennie he nti, bɛayɔ ama bɛ ho nni hɔ. Deɛ obetumi agye yei he, ɔnye.”
Yesu hyiraa mmɔfra
(Marko 10:13-16; Luka 18:15-17)
13Afei bɛde mmɔfra braa Yesu, sɛ ɔmfa ne nsa ngu bɛ so mmɔ mpaeɛ mma bɛ. Na Asuafoɔ he kaa bɛ a bɛde bɛ baeɛ he anim; 14#Mat 18:2-3 Nso Yesu kaa sɛ, “Homma mmɔfra he mmra me nkyɛne, na ho nsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte saa ne soro ahennie he yɛ bɛ dea.” 15Na ɔde ne nsa guu bɛ so hyiraa bɛ na ɔkɔɔ ne kwane.
Daa nkwa
(Marko 10:17-31; Luka 18:18-30)
16Afei, nipa bi baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmɛ nwuma pa ne menyɔ na manya daa nkwa?” 17#Luk 10:26-28 Na obisaa no sɛ, ‘Mmɛ nti ne wobisa me papa ho asɛm? Baako pɛ ne yɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wo nya nkwa a, di ahyɛdeɛ he so.” 18#Eks 20:12-16 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mu deɛ ɔya he?” Na Yesu kaa sɛ, “Nni awu; Nsɛe awareɛ; Mmɔ korɔno; Nni adansekunumu; 19#Lew 19:18 Di w’agya ne wo na nni; na afei, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 20Abranteɛ he ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Maadi yeinom nyinaa so; mmɛ bio ne ɔsɛ sɛ meyɔ?” 21#Mat 6:20; Luk 12:33 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo pɛ sɛ wo woyɛ pɛ a, kɔ, tɔno w’ahonyadeɛ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra, bedi m’akyi.” 22#Dwom 62:10 Berɛ a abranteɛ he tee saa asɛm he, ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ, efiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ pii.
23Na Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ dene ama sikani sɛ ɔbɛkɔ soro ahennie mu. 24Bio, meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ mmerɛ ama yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ sikani bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.” 25Asuafoɔ he tee yei he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa kɛse, na bɛkaa sɛ “Sei ne ɔteɛ deɛ a, hwane ne betumi anya nkwa?”
26Na Yesu hwɛɛ bɛ kaa sɛ, “Nnipa fam deɛ ɔnyɛ yie, nso Nyankopɔn fam deɛ bibiaa nni hɔ a ontumi nyɛ hɔ.”
27Na afei Petro yii ano sɛ, “Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abedi w’akyi, mmɛ ne yebenya?” 28#Luk 22:30 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne. 29#Heb 10:34 Na biaa a me dini nti, wagya afie anaa nuammeema anaa nuammaa, anaa papa anaa maame anaa mma, anaa nsaase hɔ he, obenya no mmɔho ha, na obenya daa nkwa nso. 30#Mat 20:16; Luk 13:30Nso adikanfoɔ he mu pii bedi akyire, na akyikafoɔ mmom abedi kane.#19:30 Saa asɛm yi nkyerɛ nnipa a bɛahuru adi kane bibi mu anaa bedi akyire. Na mmom ɔkyerɛ sɛ, nnipa saa berɛ yi bebu bɛ ho sɛ bedi mu, na bɛnyɛ Yesu akyidifoɔ he, bɛbɛyɛ nnipa a benni mu koraa wiase a ɔɔba he mu. Saa asɛm korɔ yiaa nso ya 20:16.

Currently Selected:

Mateo 19: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in