YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 13

13
Mfantoho a ɔfa abaguo ho
(Marko 4:1-20; Luka 8:4-15)
1Saa da heaa, Yesu firii fie na ɔkɔtenaa mpoano. 2Nnipadɔm pii kyeree ne so nti ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu, maa nipakuo he gyinaa mpoano hɔ. 3Na ɔyɔɔ mfantoho de kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree. Na ɔkaa sɛ: “Hontie! Gufoɔ bi firii adi sɛ okogu n’aba. 4Na oguu aba he, aba he bi koguu kwankyɛne, na nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa. 5Aba he bi nso koguu abotane so, baabi a nɛteɛ nni papa, na ofifirii ntɛm, nso na nɛteɛ he mu nnɔ. 6Na berɛ a awia pieeɛ he, esiane sɛ benni nhini nti, ne nyinaa twintwameeɛ, na ɔhyee koraa. 7Na aba he bi nso koguu nkasɛe mu, na nkasɛe he nyiniiɛ he omiaa aba he. 8Aba he bi nso koguu asaase pa mu na ɔsoo aba bebree, bi mmɔho ha, bi mmɔho aduosia, bi mmɔho aduasa. 9Ma deɛ ɔwɔ aso he ntie!”
Mfantoho he botae
10Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wode mfantoho ne ɔɔkasa akyerɛ bɛ yi?” 11Obuaa sɛ, “Ho deɛ bɛde ama ho sɛ honte ahintasɛm a ɔfa soro ahennie he ho ase, nso bɛ deɛ bɛmfa maa bɛ. 12#Mat 25:29; Mar 4:25; Luk 8:18 Na bɛ a bɛwɔ ahennie he ho nteaseɛ he, bɛde nteaseɛ bebree bɛka bɛ ho ama bɛanya no mmorosoɔ, na bɛ a benni bi he, nteaseɛ ketewa bi a bɛwɔ he mpo befiri bɛ nsa.’ 13#Deut 29:4 Deɛ ntia mede mfantoho ne ɔɔkasa akyerɛ ho ne sɛ ‘hu deɛ bebehu nso benhu no yie, te deɛ bɛbɛte nso bɛnte aseɛ.’ 14#Yes 6:9-10 Ɔnam bɛ so ne diyifoɔ Yesaia nkɔmhyɛ he aba mu sɛ:
Te deɛ hobɛte, nso hoɔnte aseɛ da
na hobɛhwɛ paa, nso honnhu no yie da.
15Efiri sɛ mane he akoma apirim,
na bɛ asom oduru sɛ bɛbɛte,
na bɛakata bɛ ani;
sɛ ɔbɛyɛ a bɛmfa bɛ ani mpo nhwɛ,
na bɛmfa bɛ aso nso ntie,
na bɛamfa bɛ akoma ante aseɛ ama bɛanane bɛ ho,
na masa bɛ yadeɛ.’
16 # Luk 10:23-24 Nso ho deɛ nhyira ne ho ani, sɛ ohu, ne ho aso, sɛ ɔte. 17Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ bebree pɛɛ sɛ behu deɛ hoahu yi, nso bɛanhu, na bɛte deɛ hoate yi, nso bɛante.
Mfantoho he asekyerɛ
18Afei hontie abaguo ho mfantoho he nkyerɛaseɛ. 19Sɛ bi te ahennie he ho asɛm na ɔnnte aseɛ a, bɔnefoɔ he ba behwim deɛ bɛagu no na akomam he; yei ne deɛ beguu no kwankyɛne he. 20Na deɛ beguu no abotane so he, ɔno ne nipa a ɔde anigyeɛ gye asɛm he ntɛntɛm; 21nso saa nipa he nni nyinasoɔ, nso ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm he nti, sɛ amaneɛ anaa ɔtaa ba pɛ, ntɛmaa, saa nipa he sane n’akyi. 22#Mat 6:19-34; 1 Ti 6:9 Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa. 23Na deɛ beguu no asaase pa so he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a ɔte aseɛ, na ɔsõ aba bebree, bi mmɔho ha, bi nso mmɔho aduosia, bi nso mmɔho aduasa.”
Ayuo ne wuraa ho mfantoho
24 # Mat 13:36-43 Ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ sɛ, “Yebetumi de soro ahennie he atoto nipa bi a oguu aba pa n’afuom ho; 25na berɛ a nnipa daeɛ he, tamfoɔ bi ba beguu wuraa fraa ayuo he mu, na ɔkɔeɛ. 26Afei berɛ a ofifiriiɛ a na ɔɔso aba he, saa berɛ heaa ne wuraa he nso fifiriiɛ. 27Na ne nkoa ba bebisaa no sɛ, ‘Owura, ɔnyɛ aba pa ne woduaa no w’afuo mu yi? Na afei wuraa yi firi he?’ 28Obuaa sɛ, ‘Tamfoɔ bi ne ayɔ saa he o!’ Nkoa he bisaa no sɛ, ‘Nti wopɛ sɛ yekotutu firi mu anaa?’ 29Nso obuaa sɛ, ‘Daabi; sɛ hootutu wura he a hobetutu ayuo he afra. 30#Mat 3:12 “Homma ne nyinaa mmom nyini nkosi twaberɛ; na oduru twaberɛ a mɛka akyerɛ twafoɔ he sɛ, Honni kane nsesa wura he na honkyekyere no akuoakuo nkɔhye no, na ayuo he deɛ honsesa nkogu m’apata so.’ ”
Sinapi aba ho Mfantoho
(Marko 4:30-32; Luka 13:18-19)
31Na ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ bi sɛ, “Soro ahennie he te sɛ sinapi aba a bi koduaa no n’afuom; 32ɔyɛ ketewa paa aba nyinaa mu deɛ, nso sɛ onyini a, ɔbɛyɛ wuraa nyinaa mu kɛseɛ na ɔbɛyɛ dua kɛseɛ ma nnomaa a bɛya wiem bɛyɛ bɛ buo ne mmane so.”
Mmɔreka ho mfantoho
33 # Luk 13:20-21 Na ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ bi sɛ, “Soro ahennie te sɛ baa bi a ɔfaa mmɔreka na ɔde fraa sam susukuruwa mmeɛnsa kosii sɛ ne nyinaa tuiɛ.”
Deɛ ntia Yesu de mfantoho kasa
34 # Mar 4:33-34; Dwom 78:2 Yesu de mfantoho ne kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm he; wankwanti mfantoho ne bɛ ankasa. 35Yei hyɛɛ deɛ diyifoɔ he kaeɛ he ma sɛ:
“Mebie m’ano mfantoho mu;
Mɛpae mu aka deɛ ahinta firi wiase ahyɛaseɛ.”
Yesu kyerɛkyerɛ ayuo ne wuraa mfantoho he ase
36 # Mat 13:24-30 Afei ogyaa nnipakuo he hɔ, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne, bɛkaa sɛ, “Kyerɛkyerɛ yɛ mfantoho a ɔfa wuraa a ɔya mfuom he ase.” 37Na obuaa sɛ, “Deɛ ogu aba pa he ne Nipa Ba he; 38#1 Ko 3:9 afuo he ne wiase, na aba pa he ne ahennie he mma; wuraa he ne bɔnefoɔ he mma, 39na tamfoɔ a oduaa wuraa he ne Bronsam; twaberɛ he ne awieeɛ berɛ, na twafoɔ he ne abɔfoɔ.
40Sɛnea bɛboaboa wuraa na bɛde gya hye he, saa ara na ɔbɛyɔ awieeɛ berɛ he nso.
41 # Mat 25:31-46 Nipa Ba he bɛsoma n’abɔfoɔ, na bɛbɛboaboa bibi a ɔto sintidua ne abɔneyɛfoɔ nyinaa ano afiri n’ahennie mu, 42#Mat 8:12 na bɛato bɛ atwene gya fononoo mu, hɔ ne bebesu na bɛatwerɛ bɛ sẽ 43#Dan 12:3 Na teneneefoɔ he deɛ bɛbɛhyerɛn sɛ awia bɛ Agya ahennie mu. Mma deɛ ɔwɔ aso he ntie!
Agyapadeɛ ho mfantoho
44 # Mat 19:29; Luk 14:33; Flp 3:7 “Soro ahennie he te sɛ agyapadeɛ a bɛde asie asaase bi so, na bi huiɛ na ɔkata so; na ɔde ho anigyeɛ kɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ asaase he.
Ahwene pa ho mfantoho
45“Bio, soro ahennie te sɛ dwadini bi a ɔɔhwehwɛ ahwene pa; 46#Mmb 8:10-11 na okohuu deɛ ne boɔ ɔdene paa he, ɔkɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔeɛ.
Asau ho mfantoho
47 # Mat 22:9-10 “Bio, soro ahennie te sɛ asau a bɛde guu po mu na benyaa nam ahodoɔ bebree; 48ɔyɛɛ ma he, bɛtwe baa kokoɔ so, tenaa ase, na bɛde papa he guu nkɛntɛne mu na bɛtoo deɛ ɔnyɛ he guiɛ. 49#Mat 25:32 Saa ara ne ɔbɛyɛ awieeɛ berɛ mu. Abɔfoɔ he bɛba abɛfa abɔnefoɔ he afiri teneneefoɔ mu 50na bɛato bɛ agu gya fononoo he mu, baabi a suu ne setwerɛ ya.
Ahennie he ho mfantoho
51“Yesu bisaa bɛ sɛ, Hoate yei nyinaa ase?” Na bebuaa sɛ, “Ɛɛ.” 52Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”
53Berɛ a Yesu wiee saa mfantoho yi, ofirii hɔ kɔeɛ.
Bɛpoo Yesu ya Nasaret
(Marko 6:1-6; Luka 4:15-30)
54Na afei Yesu baa ɔnoaa ne kurom, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he bɛ hyiadane mu hɔ, na bɛ ho dwirii bɛ maa bɛkaa sɛ, “He ne saa nipa yi konyaa nyansa ne tumi nnwuma a ɔte sei? 55Ɔnyɛ duadwumfoɔ he ba he di? Ɔnyɛ ne maame ne bɛfrɛ ne Maria he? Ɔnyɛ ne nua mmeemmaanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56#Yoh 7:15; 7:52 Na ɔnyɛ yɛ ne ne nua mmaanom nso ne te yi? Na afei he fa ne okonyaa yeinom nyinaa?” 57#Yoh 4:44 Na ɔyɛɛ sintidua maa bɛ. Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anidie mmɔ diyifoɔ biaa gye sɛ ne mane mu ne ne fie.” 58Na gye a bɛannye anni nti, wannyɔ tumi nnwuma bebree hɔ.

Currently Selected:

Mateo 13: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in