YouVersion Logo
Search Icon

Luka NNIANIMU

NNIANIMU
Luka Asɛmpa he ma yehu Yesu sɛ Israel Agyenkwa ne adasamma nyinaa Agyenkwa a bɛhyɛɛ ne ho bɔ he. Luka atwerɛ sɛ, Awurade Honhom afrɛ Yesu sɛ “ɔmɛka asɛmpa he nkyerɛ ahiafoɔ” (4:18); nea ɔya Asɛmpa he mu titire ne adwenpa a ɔda adi fa ahiafoɔ ho. Anigyesɛm di akotene paa, ne titire nwoma he ahyɛaseɛ a ɔbɔ Yesu ba ho dawuro, na okowie Yesu sorokɔ ho ne n’awieeɛ a ɔkasa fa ne sorokɔ ho. Twerɛfoɔ he kasa fa Kristosom gyidie ho. Nea ɔyɔeɛ a som he mu trɛeɛ, na afei Yesu sorokɔ akyi he, nea ɔyɔeɛ a onyiniiɛ. Twerɛfoɔ korɔ heaa ka saa nsɛm yi nso ya Asomafoɔ He Nnwuma he mu.
Nwoma yi wɔ afa ahodoɔ mmienu (Ti 1-2 ne 9-19), na okura nsɛm bi a Luka Asɛmpa he mu nkoaa ne ɔya a bi ne abɔfoɔ nnwom a bɛtoeɛ, ne nnwanhwɛfoɔ he nsra a bɛkɔsraa Yesu berɛ a bɛwoo no he, kɔ a abeemaa Yesu kɔɔ asɔrefie, mfatoho asɛm a ɔka faa Samariani a ɔyɛ yɔnko pa he ho, ne agya he dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ ne ba kohwini he ho. Asɛmpa he mu baabiaa, besi mpaebɔ, Honhom Kronkron, mmaa kyɛfa ya Yesu som adwuma mu, ne Nyankopɔn bɔne fakyɛ so dua.
MU NSƐM
Nnianimu 1:1-4
Suboni Yohane ne Yesu awoɔ ho asɛm 1:5—2:52
Suboni Yohane dwumadie 3:1-20
Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ 3:21—4:13
Yesu badwam dwumadie a odii no Galilea abɔntene so 4:14—9:50
Yesu firii Galilea kɔɔ Yerusalem 9:51—19:27
Nnawɔtwe a otwa toɔ ya Yerusalem ne nkuro a ɔbɛne hɔ 19:28—23:56
Awurade wusɔreɛ, n’ahoyie, ne ne sorokɔ he 24:1-53

Currently Selected:

Luka NNIANIMU: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in