YouVersion Logo
Search Icon

Luka 8

8
Asɛnka
1 # Luk 4:43 Yei akyi berɛ tiaa bi mu he, Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔ pae mu kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa. Na dummienu he ka ne ho. 2#Mar 15:40-41; 16:9Na mmaa bi a wasa bɛ yadeɛ atutu ahonhommɔne afiri bɛ mu, Maria a bɛfrɛ no Magdalene, a ahonhommɔne nson firii ne mu kɔeɛ he, 3ne Herode fie so panyini Kusa yerɛ Yohana, ne Susana ne mmaa foforɔ bebree nso ka ne ho; na bɛde bɛ ahodeɛ bi somm no.
Mfantoho a ɔfa abaguo ho
(Mateo 13:1-23; Marko 4:1-20)
4Afei berɛ a nnipakuo kɛseɛ bi bɛkaa bɛ a bɛ ne no kokɔɔ nkuro nkuro so he ho he, ɔyɔɔ mfantoho bi kyerɛɛ bɛ sɛ, 5“Gufoɔ bi firii adi sɛ ookogu n’aba. Na oogu aba he, bi koguu kwane nkyɛne ma betiatiaa so, na wiem nnomaa bɛsosɔeɛ. 6Bi nso koguu abotane so, na ofifiriiɛ akyi he, owuiɛ esiane nsuo a wannya nti. 7Bi nso koguu nkasɛe mu, na nkasɛe he nyini miaa no. 8Bi nso guu asaase pa mu, na ofifiri soo aba mmɔho ha.” Berɛ a ɔkaa yeinom he, ɔmaa ne nne so kaa sɛ, “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie he ntie.”
Abaguo ho mfantoho he asekyerɛ
9Nso n’asuafoɔ he firii aseɛ bisaa no nea mfantoho yi kyerɛ. 10#Yes 6:9-10 Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.
11 # 1 Pe 1:23 “Afei bɛ he asekyerɛ di. Aba he ne Nyankopɔn asɛm: 12Nea oguu kwane nkyɛne he ne bɛ a bɛteeɛ, na Bronsam beyii asɛm he firii bɛ akoma mu na bɛannye anni annya nkwa. 13Nea oguu abotane so he gyna hɔ ma bɛ a bɛte asɛm he a bɛde anigye gye, nso yeinom nni nhini; bɛgyidi berɛ tiaa bi mu, nso oduru sɔhwɛ berɛ a, na bɛawae. 14Na nea oguu nkasɛe mu he ne bɛ a bɛte asɛm he, nso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ twetwe bɛ, na emia bɛ koraa ma nti sɛ bɛso aba mpo a aba he nyini nwie. 15#Aso 16:14; Heb 10:36 Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.
Kanea adwuma
(Marko 4:21-25)
16 # Mat 5:15 “Biaa nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde adeɛ bɛkata so anaa ɔde besi mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama bɛ a bɛba mu he ahu hann he. 17#Mat 10:26 Bibiaa nni hɔ a ahinta a ɔɔnna adi, na bibiaa nni hɔ a bɛakata so a benhu na ɔɔmma petee mu. 18#Luk 19:26 Nti, honhwɛ yie sɛnea hote asɛm he fa; na biaa a ɔwɔ he, bɛbɛma no pii, na nea onni he deɛ, nea osusuu sɛ ɔwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri ne nsam.”
Yesu abusuafoɔ kann
(Mateo 12:46-50; Marko 3:31-35)
19Afei Yesu maame ne ne nuanom baa baabi a ɔya he, nso nnipakuo he nti, bɛantumi annuru ne nkyɛne. 20Na bɛbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina abɔntene pɛ sɛ behu wo.” 21Na obuaa bɛ sɛ, “Me maame ne me nuanom ne nnipa a bɛte Nyankopɔn asɛm na bɛyɔ.”
Ahum asebrɛ
(Mateo 8:18; 8:23-27; Marko 4:35-41)
22Da koro bi, Yesu ne n’asuafoɔ he kɔtenaa kodoɔ bi mu, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Homma yentwa nkɔ tadeɛ he agya nohoa.” Nti besiim kɔeɛ. 23Na bɛya nsuo he so he, ɔdaeɛ. Afei mframa kɛseɛ bi bɔ baa tadeɛ he so, na nsuo he firii aseɛ bu faa bɛ so a na ayɛ hu ama bɛ. 24Afei bɛkɔɔ ne nkyɛne konyanee no kaa sɛ. “Owura, Owura, yeebewuwu!” Onyaneeɛ he, ɔteateaa mframa he ne nsuo a abu afa so he, na ano brɛɛ ase, na ɔyɛɛ dinn. 25Afei obisaa bɛ sɛ, “Ho gyidie ya he?” Nso hu kaa bɛ, na bɛde ahodwiri keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hwane koraa di a otumi hyɛ mframa ne nsuo mpo ma bɛyɛ setie ma no yi?”
Ahonhommɔne tuo
(Mateo 8:28-34; Marko 5:1-20)
26Na bekoduruu Gerasefoɔ asaase a ɔne Galilea di animhwɛ so. 27Na osii fam he, beema bi a ɔwɔ honhommɔne a ofiri kuro he mu behyiaa no. Na berɛ tentene di a na omfiraa ntoma, na ɔnte dane biaa mu, na mmom amusieɛ ne ɔte. 28Ohuu Yesu he, ɔteaam dendenndene hwee n’anim de nne kɛseɛ kaa sɛ. “Ɛɛne ne me ne wo wɔ yɔ, Yesu, Sorosoroni Nyankopɔn he Ba? Mesrɛ wo, nha me!” 29(Na ɔɔhyɛ Honhom fĩ he sɛ omfiri beema he mu. Na waanya no so tumi berɛ tentene di, na bɛtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛne no, nso ɔtete mpokyerɛ he mu na honhom fĩ he twe no kɔ baabi a biaa nni.) 30Na Yesu bisaa no sɛ, “Wo dini de sɛ?” Ɔkaa sɛ, “Mene dodoɔ” efiri sɛ na honhommɔne pii ahyɛ ne mu. 31Na bɛsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ bɛ mmma bemfiri ne mu nkɔ bunu he mu. 32Na mprako pii oodidi bepɔ he so; nti bɛsrɛɛ no sɛ ɔmma bɛ kwane ma bɛnkɔhyɛ bɛ mu. Na ɔmaa bɛ kwane. 33Nti honhommɔne he firii beema he mu kɔhyɛɛ mprako he mu, na mprako he bɔɔ twi firii bepɔ he so koguu tadeɛ he mu wuwuiɛ. 34Berɛ a bɛ a bɛɛhwɛ mmoa he huu nea asi he, bedwane kɔbɔɔ amaneɛ kuro he mu ne nkuraa ase. 35Afei nkurofoɔ baa sɛ bɛbɛhwɛ nea asi, na bɛbaa Yesu nkyɛne behuu beema a bɛatu honhommɔne afiri ne mu he sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te Yesu nane ase, a n’dwene mu ate; na bɛ ho dwirii bɛ. 36Bɛ a behuiɛ he kaa sɛnea ɔyɛɛ a beema a ɔwɔ honhommɔne he ho tɔɔ no he kyerɛɛ bɛ. 37Nti nnipadɔm a befiri Gerasefoɔ nsaase a atwa hɔ ahyia he nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ omfiri bɛ nkyɛne nkɔ, efiri sɛ na hu kɛseɛ aka bɛ. Afei ɔtenaa kodoɔ he mu siim sɛ ɔɔkɔ. 38Na beema a honhommɔne firii ne mu he kɔɔ so srɛɛ noaa sɛ ɔne no bɛkɔ; nso Yesu gyaa ne kwane kaa sɛ, 39“Sane kɔ fie, na kɔka nea Nyankopɔn ayɛ ama wo he kyerɛ.” Nti ofirii hɔ kɔeɛ, pae mu kaa nea Yesu ayɛ ama no he kuro he mu nyinaa.
Yairo babaa
(Mateo 9:18-26; Marko 5:21-43)
40Berɛ a Yesu sane baeɛ he, nnipakuo he gyee no fɛ so, efiri sɛ na bɛ nyinaa bɛɛhwɛ no kwane. 41Saa berɛ heaa beema bi a ne dini de Yairo a ɔyɛ hyiadane mu panyini baeɛ. Na ɔbɛhwee Yesu nane ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie, 42efiri sɛ na ɔwɔ babaa korɔ pɛ a wadi bɛyɛ mfie dummienu a ɔda awusu. Berɛ a ɔɔkɔ he, nnipadɔm he kyere ne so.
Baa bi ayaresa
43Na baa bi a mogyaa atu no mfie dummienu, a biaa ntumi nsaa no yadeɛ, 44kɔfaa Yesu n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ ano, na amonom hɔaa mogyaa he twaeɛ. 45Nti Yesu bisaa sɛ, “Hwane ne de ne nsa kaa me he?” Berɛ a bɛ nyinaa bɛkaa sɛ ɔnyɛ bɛ he, Petro kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho na bɛakyere wo so.” 46Nso Yesu kaa sɛ, “Bi de ne nsa aka me, maahu sɛ tumi bi afiri me mu kɔ.” 47Berɛ a baa he huu sɛ wahu no he, ɔde ahopopoɔ bɛhwee n’anim kaa deɛ nti a ɔde ne nsa kaa no ne sɛnea ne ho tɔɔ no amonom hɔaa he nnipa he nyinaa anim. 48#Luk 7:50 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ. “Babaa, wo gyidie agye wo nkwa; fa asomdwie kɔ.”
Yairo babaa wunyane
49Na ogu so ɔɔkasa he, bi firi hyiadane mu panyini he fie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa he awu; nha kyerɛkyerɛfoɔ he bio.” 50Berɛ a Yesu teeɛ he, obuaa no sɛ, “Nsuro, wo deɛ, gyidie nkoaa ne hia, na obenya nkwa.” 51Berɛ a Yesu duruu fie hɔ he, wamma biaa ne no ankɔ mu gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abaayaa he papa ne ne maame nkoaa. 52Nso na nkurofoɔ oosu twa agyaadwoɔ. Nti ɔkaa sɛ, “Honnyae su, onwuiɛ na mmom waada.” 53Yei nti bɛsree no, efiri sɛ na benim sɛ waawu. 54Na ɔsɔɔ ne nsa maa no so frɛɛ no sɛ. “Abaayaa, sɔre!” 55Na abaayaa he honhom sane baeɛ, na ɔsɔree ntɛmaa, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmma no bibi nni. 56#Luk 5:14; Mar 7:36 Na n’awofoɔ he ho dwirii bɛ; nso ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnka nea asi he nkyerɛ biaa.

Currently Selected:

Luka 8: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in