YouVersion Logo
Search Icon

Luka 5

5
Asuafoɔ he frɛ
(Mateo 4:18-22; Marko 1:16-20)
1Berɛ bi, ɔbaa sɛ na nnipakuo he akyere Yesu so a na beetie Nyankopɔn asɛm. Na ogyina Genesaret tadeɛ he ho. 2Na ohuu akodoɔ mmienu sɛ osisi tadeɛ he ho, nso na apofofoɔ he asisi afiri mu a bɛɛhohoro bɛ asau. 3Yesu kɔforoo akodoɔ he mu baako a na ɔyɛ Simon deɛ, na ɔsrɛɛ Simon sɛ ompia mfiri asaase so nkɔ akyire kakra. Afei ɔtenaa mu, firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nnipakuo he. 4#Yoh 21:6 Berɛ a ogyae kasa he, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ. “Pia kɔ nea hɔ dɔ, na hongu ho asau he nyi nam.” 5Na Simon buaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛayɔ adwuma anadwo mũ nyinaa na yɛannya hwee, nso w’anum asɛm nti megu asau he.” 6Na bɛyɔɔ saa he, bɛ asau he bumaa mpataa pii ma no hyɛɛ aseɛ teteeɛ. 7Nti benyam bɛ mfɛfoɔ a bɛya kodoɔ baako he mu sɛ bɛmmɛboa bɛ; na bɛbaeɛ ma bɛhyɛɛ akodoɔ mmienu he mama, na ofirii aseɛ sɛ ɔɔmem. 8Berɛ a Simon Petro huu yei he, ɔkotoo Yesu nane ase kaa sɛ, “Awurade, firi me nkyɛne kɔ, na meyɛ debɔneyɛni!” 9Mpataa a beyiiɛ he maa Petro ne bɛ a bɛka ne ho he nyinaa ho dwirii bɛ, 10#Mat 13:47 na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a bɛyɛ Simon yɔnko adwumayɔfoɔ he nso ho dwirii bɛ. Nso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ, “Nsuro, efiri saa berɛ yi ɔɔkɔ yi, wobeyi nnipa.” 11#Mat 19:27 Nti bɛsane de akodoɔ he baa asaase so, na begyaa bibiaa hɔ dii n’akyi.
Kwatani bi ayaresa
(Mateo 8:1-4; Marko 1:40-45)
12Berɛ foforɔ bi a na Yesu ya nkuro he baako mu he, hwɛ! Ohuu beema bi a kwata adware no. Berɛ a n’ani bɔɔ Yesu so he, ɔbɛhwee n’anim srɛɛ no anibereɛ so sɛ, “Awurade, sɛ wopɛ nkoaa a, wobetumi ama me ho afiri.” 13Nti, Yesu tenee ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ. Wo ho mfiri.” Na amonom hɔaa kwata he tu yeraeɛ. 14#Lew 14:2-32Afei ɔhyɛɛ beema he sɛ ɔnnka nkyerɛ biaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ sɛnea Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.” 15Nso ne ho asɛm trɛɛ pii, na nnipakuo pii baeɛ sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ afiri bɛ nyarewa ahodoɔ nyinaa mu. 16#Mar 1:35 Nso, ɔtwee ne ho kɔhyɛɛ serɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ.
Bubuani bi ayaresa
(Mateo 9:1-8; Marko 2:1-12)
17Da koro bi, Yesu gu so ɔɔkyerɛkyerɛ he, na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ a befiri nkuraa a ɔya Galilea ne Yudea ne Yerusalem ase aba he nyinaa tete hɔ, na Awurade tumi ya ne so a ɔde bɛsa yadeɛ. 18Na hwɛ! Na mmeema bi sõ bubuani bi a ɔda kɛtɛ so, na bɛɛhwehwɛ kwane a bɛbɛfa so de no abɛto n’anim. 19Nti, berɛ a bɛannya kwane amfa no amma esiane nnipadɔm he nti he, bɛkɔɔ dane he atifi kogyaagyaa ɔne kɛtɛ he mu faa dane he soro bɛtoo Yesu anim ne nnipadɔm he mfinfini. 20Na ohuu bɛ gyidie he, ɔkaa sɛ. “Beema, bɛde wo bɔne akyɛ wo.” 21#Yes 43:25 Hɔaa ne atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he firii aseɛ dwenee ho sɛ, “Hwane di a ɔka abususɛm sei? Hwane ne betumi de bɔne akyɛ ka Nyankopɔn ho?” 22Na Yesu huu bɛ nsusuiɛ he, obuaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne hoodwene ho ho akoma mu yi? 23Nea ɔya he ne ɔmmerɛ, sɛ bɛbɛka sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa bɛbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante’? 24Nso sɛ ɔbɛyɛ na hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi ya asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti​, Yesu ka kyerɛɛ bubuafoɔ he sɛ, “Meeka akyerɛ wo sɛ, sɔre fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!” 25Na amonom hɔaa ɔsɔre gyinaa bɛ anim, faa nea ɔda so he firii hɔ kɔɔ ne fie a, na ɔɔhyɛ Nyankopɔn animuonyam. 26Afei ɔyɛɛ bɛ mu biaa nwanwa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam, na hu kaa bɛ ma bɛkaa sɛ, “Nnɛ deɛ, yɛahu anwanwadeɛ!”
Yesu frɛɛ Lewi
(Mateo 9:9-13; Marko 2:13-17)
27Yeinom akyi he, Yesu firii adi kohuu sɛ togyeni bi a bɛfrɛ no Lewi te togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bedi m’akyi.” 28Na ogyaa bibiaa hɔ sɔre dii n’akyi.
29 # Luk 15:1 Afei nso, Lewi too pono kɛseɛ bi ne fie maa no; na atogyefoɔ bebree ne nnipa foforɔ bɛtenatenaa adidiiɛ hɔ. 30Nti Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ he nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?” 31Yesu buaa sɛ. “Bɛ a bɛte apɔ he nhia yaresafoɔ, na bɛ a bɛyare he mmom ne behia yaresafoɔ. 32Mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom maaba sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ de bɛ akɔ adwensakra mu.”
Mmuadadie ho asɛm
(Mateo 9:14-17; Marko 2:18-22)
33Bɛka kyerɛɛ no sɛ. “Yohane asuafoɔ he di mmuada mprɛ pii na bɛbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ nso yɔ saa, nso wo deɛ, w’asuafoɔ he didi na bɛnom! 34Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nti hobetumi ama ayefokunu he ahɔhoɔ adi mmuada berɛ a ayefokunu he ya bɛ nkyɛne yi? 35Nso nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛ nkyɛne; saa nna he mu ne bebedi mmuada.” 36Afei, ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi sɛ, “Biaa mmfa ntoma mono sini ntɛ ataadeɛ dadaa mu; anyɛ saa a, ntoma foforɔ he bɛte afiri ataadeɛ he mu, efiri sɛ deɛ otwa firii foforɔ he mu he ne dada he nsɛ. 37Bio nso, biaa mfa bobesa mono ngu nsa kotokuo dadaa mu; anyɛ saa a, nsa mono he bɛpaapae nsa kotokuo he, na nsa he betu agu na kotoku he asɛe. 38Mmom ɔsɛ sɛ bɛde bobesa mono gu nsa kotokuo foforɔ mu. 39Biaa a wanom nsa dadaa awie he mpɛ nsa mono; na mmom ɔka sɛ, ‘dadaa he yɛ paa.’ ”

Currently Selected:

Luka 5: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in