YouVersion Logo
Search Icon

Luka 4

4
Yesu sɔhwɛ
(Mateo 4:1-11; Marko 1:12-13)
1Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no mã he danee ne ho firii Yordan ho, na Honhom he de no kɔɔ serɛ so 2adaduannan, na Bronsam sɔɔ no hwɛeɛ. Afei nso, wanni hwee saa nna he mu, na nna he baa awieeɛ he, na kɔm de no. 3Na Bronsam ka kyerɛɛ no sɛ. “Sɛ woyɛ Nyankopɔn Ba a, kasa kyerɛ boɔ yi ma ɔnane paanoo.” 4#Deut 8:3 Nso Yesu buaa no sɛ, “Bɛatwerɛ sɛ, ‘Ɔnyɛ paanoo nkoaa so ne nipa nam bɛtena ase.’ ” 5Na Bronsam de no kɔ baabi a hɔ krɔnn kɔkyerɛɛ no asaase so ahennie nyinaa prɛko; 6na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mede tumi yi nyinaa ne mu animuonyam bɛma wo, efiri sɛ bɛde ama me, na biaa a mepɛ he mede ma no. 7Nti sɛ wobɛkoto asom me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.” 8Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
“Bɛatwerɛ sɛ, ‘Awurade wo Nyankopɔn ne ɔsɛ sɛ wokoto no,
na ɔno nkoaa ne ɔsɛ sɛ wosom no.’ ”
9Afei ɔde no kɔɔ Yerusalem kogyinaa asɔredane he atifi ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ woyɛ Nyankopɔn Ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam; 10efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ,
‘Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ sɛ bɛmmɔ wo ho bane,’
11na
‘Bɛmmɛsoa wo bɛ nsa so,
na bɛamfa wo nane ampem boɔ biaa.’ ”
12Ne Yesu buaa no sɛ, “Bɛaka sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ” 13Nti Bronsam wiee sɔhwɛ he nyinaa he, ogyaa Yesu hɔ kɔɔ kakra (sɛ onkosi sɛ obenya ne ho kwane bio.)
Yesu asɛnka mfitiaseɛ
(Mateo 4:12-17; Marko 1:14-15)
14Afei Yesu a na Honhom he tumi ahyɛ no ma he sane kɔɔ Galilea. Na ne ho asɛm hyetaa nkuro a atwa hɔ ahyia he nyinaa mu. 15Ofirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu nso, na bɛ nyinaa bɛ kamfõõ no.
Yesu Nasaret asɛnka
(Mateo 13:53-58; Marko 6:1-6)
16Na ɔkɔɔ Nasaret, baabi a bɛtetee no he; na sɛnea ɔtaa yɔ homeda he, ɔkɔɔ hyiadane mu, na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔɔbɛkenkane, 17nti bɛmaa no diyifoɔ Yesaia nwoma a na bɛabobɔ he, na obiee nwoma mmobɔeɛ he mu, na ɔkenkanee faako a bɛatwerɛ sɛ,
18“Awurade Honhom ya me so,
efiri sɛ wasra me sɛ
memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ,
wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ,
sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,
19na mempae mu nka berɛ a ɔsɔ Awurade ani nkyerɛ.”
20Na afei ɔbobɔɔ nwoma mmobɔeɛ he sane de maa somfo he na ɔtenaa ase; na bɛ a bɛya hyiadane he mu nyinaa hwɛɛ no too. 21Afei ofirii aseɛ ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnɛ ne twerɛsɛm a hotee no seeseiaa yi abam.” 22Na bɛ nyinaa bedii ne ho adanse-pa, na adom nsɛm a ɔkaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ, na bebisaa sɛ, “Nyɛ Yosef ba yi di?” 23Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ampa hobebu me bɛ yi sɛ, ‘Yaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ, yɔ nnoɔma a yɛtee sɛ ɔkɔɔ so Kapernaum he bi woaa wo kurom ha nso.’ ” 24Na ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a bɛgye no tom ne kurom. 25Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, Elia nna he mu he, na akunafoɔ bebree ya Israel berɛ a nsuo antɔ mfie mmeɛnsa ne abosome nsia maa kɔm kɛseɛ baa asaase he nyinaa so he, 26nso bɛansoma Elia ankɔ mmaa yi mu biaa hɔ gye sɛ kunafoɔ bi a na ɔya Sidon kuro Serepta mu hɔ. 27Bio nso, diyifoɔ Elisa berɛ so he, na akwatafoɔ bebree ya Israel, nso bɛamma bɛ mu biaa ho amfiri gye Siriani Naaman.”
Yesu nkurofoɔ pɛɛ sɛ beku no
28Afei bɛ a bɛya hyiadane he mu nyinaa tee saa nsɛm he, bɛ bo fuiɛ; 29na bɛsɔre piapiaa no firii kuro he mu, na bɛde no kɔɔ bepɔ a bɛ kuro he gu so he ano sɛ beekosum no ahwe fam. 30Nso ɔfaa bɛ mfimfini kɔeɛ.
Yesu sa bi a ɔwɔ honhommɔne yadeɛ
(Marko 1:21-28)
31Afei Yesu kɔɔ Kapernaum, Galilea kuro bi mu. Na homeda duruiɛ he, ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ; 32na kwane a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ he yɛɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ na tumi ya ne nsɛm he mu. 33Na beema bi ya hyiadane he mu a ɔwɔ honhommɔne, honhom fi, na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, 34“Aa! Nha yɛ adwene! Nasareni Yesu, mmɛ ne yɛ ne wo wɔ yɔ? Nti wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ? Menim onii ko a woyɛ ankasa, wone Kronkronni a ofiri Nyankopɔn hɔ he.” 35Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee. 36Yei yɛɛ bɛ nyinaa nwanwa, na bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Ei! Abɛ asɛm di? Ɔde tumi ne ahoɔdene hyɛ ahonhom fĩ ma befiri adi!” 37Nti ne ho asɛm trɛ kɔɔ nkuro a atwa ahyia hɔ he nyinaa mu.
Petro ase baa ayaresa
(Mateo 8:14-17; Marko 1:29-39)
38Yesu sɔre firii hyiadane he mu he, ɔkɔɔ Simon fie. Na abunu akye Simon asebaa, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no. 39Nti ogyinaa n’atifi hyɛɛ abunu he sɛ omfiri ne so nkɔ, na abunu he firii ne so kɔeɛ. Mpofiremaa ɔsɔre firii aseɛ som bɛ.
Yesu saa nyarewa ahodoɔ bebree
40Na awia ɔɔkɔtɔ he, bɛ a bɛwɔ nkurofoɔ a nyarewa ahodoɔ ayɛ bɛ he de bɛ braa no. Ɔde ne nsa guu bɛ mu biaa so saa bɛ yadeɛ. 41Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.
Yesu Yudea asɛnka
42Na adeɛ kyeeɛ he, Yesu firii adi kɔɔ baabi a biaa nni. Nso nnipadɔm he hwehwɛɛ no baa faako a ɔya he, na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bebesi no kwane, na wamfiri bɛ nkyɛne ankɔ. 43Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Ɔsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa he, efiri sɛ yei nti ne bɛsomaa me.” 44Nti ɔtoaa so kaa asɛm Yudea hyia adane mu.

Currently Selected:

Luka 4: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in