Adiyisɛm 8
8
Nsɔano a ɛto so ason
1 #
Sak 2.13; Hab 2.20 Na ɔtew nsɔano a ɛto so ason no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwerew fa.
2 #
Mat 24.31
Na mihuu abɔfo baasɔn a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto asɔn. 3#Adi 5.8 Na ɔbɔfo foforo ba begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so. 4#Nnw 141.2 Na nnuhuam no wusiw kaa ahotefo mpaebɔ ho fi ɔbɔfo no nsam foro kɔɔ Onyankopɔn anim. 5#Hes 10.2 Na ɔbɔfo no faa ohuam kuruwa no de afɔremuka no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔtow guu asase so. Na aprannaa ne nne horow ne anyinam ne asasewosow bae.
Torobɛnto ason no
6Na abɔfo baasɔn a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.
7 #
Eks 9.23-26
Na nea odi kan no hyɛnee. Na amparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔtow guu asase so. Na asase nkyɛm abiɛsa mu biako hyewee, na nnua nkyɛm abiɛsa mu biako nso hyewee, na nwura momono nyinaa nso hyewee.
8 #
Yer 51.25; Eks 7.20-21 Na ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛnee. Na wɔtow ade bi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ogya rehyew no kyenee po mu, na ɛpo nkyɛm abiɛsa mu biako dan mogya, 9na abɔde a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyɛm abiɛsa mu biako wuwui, na ahyɛn nkyɛm abiɛsa mu biako nso sɛee.
10 #
Yes 14.12; Dan 8.10 Na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛnee. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn fi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyɛm abiɛsa mu biako ne nsu aniwa so. 11Na nsoromma no din de Awɔnwene, na nsu no nkyɛm abiɛsa mu biako yɛɛ nwene, na nnipa pii wuwui, nsu no nwene a ayɛ no nti.
12 #
Adi 6.12; Eks 10.21 Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛnee ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛm abiɛsa mu biako ne ɔsram nkyɛm abiɛsa mu biako ne nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na nkyɛm a ɛto so abiɛsa no duduruu sum, na adekyee mu nkyɛm abiɛsa mu biako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.
13 #
Adi 14.6; 9.12; 11.14; 12.12 Na mihui, na metee sɛ ɔkɔre biako a otu faa ɔsoro mfinimfini no de nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔn a wɔte asase so no nnue, wonnue, wonnue, torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nne no nti!
Currently Selected:
Adiyisɛm 8: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.