YouVersion Logo
Search Icon

Asomafo NHYƐNMU

NHYƐNMU
Asomafo nnwuma nhoma no yɛ Luka Asɛmpa no ntoaso. Botae titiriw a eyi ne ho adi wɔ nhoma yi mu ne sɛ: Honhom kronkron dii Yesu akyidifo a wodii kan no akyi, ma wɔkaa Asɛmpa no wɔ Yerusalem, Yudea ne Samaria de kosii sɛ eduu asase ano noho (1.8). Ɛyɛ nsɛm a ɛfa Kristofo anammɔntu sɛnea efii ase wɔ Yudafo mu, na ɛkɔɔ so ara kosii sɛ ɛbɛyɛɛ wiase nyinaa gyidi. Na ehia Ɔkyerɛwfo no sɛ ɔbɛma n'akenkanfo ate ase sɛ na Kristofo no nyɛ amammɔefo wɔ Romanfo ahemman no mu, na mmom sɛ Akristofo gyidi no yɛ nea ɛbɛhyɛ Yudasom no ma.
Wɔtumi kyɛ Asomafo no Nnwuma no mu akunini abiɛsa de kyerɛ sɛnea wɔkaa Asɛmpa a ɛfa Yesu ho maa no trɛw wɔ mmeae ahorow, de asafo no sii hɔ: (1) Kristosom anammɔntu a efii ase wɔ Yerusalem, wɔ Yesu sorokɔ akyi. (2) Asɛmpa no trɛwee wɔ Palestina asase so. (3) Wɔsan trɛw Asɛmpa no mu kɔɔ wiase fa a ɛwɔ po agya koduu Roma.
Ade a ɛho hia biako wɔ Asomafo No Nnwuma mu ne Honhom Kronkron dwumadi a ɛde tumi baa agyidifo no so wɔ Yerusalem bere a Pentekoste da no tɔe no. Ɔkɔɔ so ara de mmoa ne ahoɔden maa Asafo no ne n’akannifo wɔ nsɛm a esisii a ɔka ho asɛm wɔ nhoma no mu. Ɔbɔ Akristofo a wɔdii kan no nsɛm mua wɔ asɛnka ahorow mu, na nsɛm a wɔakyerɛw no wɔ Asomafo No Nnwuma mu no de kyerɛ tumi a ɛwɔ nsɛm yi mu wɔ agyidifo abrabɔ ne Asafo no ayɔnkofa mu.
EMU NSƐM
Adansedi no ho ahosiesie 1.1-26
1. Yesu ahyɛde ne ne bɔhyɛ a edi akyi 1.1-14
2. Wosi Yuda Iskariot ananmu. 1.15-26
Adansefo a wɔwɔ Yerusalem no 2.1—8.3
Adansedi wɔ Yudea ne Samaria 8.4—12.25
Paulo som adwuma no. 13.1—28.31
1. N'asɛnka akwantu a edi kan 13.1—14.28
2. Yerusalem nhyiam no 15.1-35
3. N'asɛnka akwantu a ɛto so abien 15.36—18.22
4. N'asɛnka akwantu a ɛto so abiɛsa 18.23—21.16
5. Paulo yɛ ɔdeduani wɔ Yerusalem, Kaesarea ne Roma 21.17—28.31

Currently Selected:

Asomafo NHYƐNMU: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in