YouVersion Logo
Search Icon

Asomafo 3

3
Obubuafo bi ayaresa
1Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi. 2#Aso 14.8 Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade; 3na ohuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefi hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborohunu ade. 4Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kae sɛ: Hwɛ yɛn! 5Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuwii sɛ ɔrebenya wɔn hɔ biribi. 6#Aso 3.16 Na Petro kae sɛ: Dwetɛ ne sika de minni bi, na nea mewɔ na mede merema wo yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nantew! 7Na osoo ne nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne ne mpow mu yɛɛ den. 8Na ohuruw gyinae, na ɔnantewee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi hɔ a ɔnam, ohuruhuruw, na oyi Nyankopɔn ayɛ. 9Na ɔman no nyinaa huu no sɛ ɔnam na ɔreyi Nyankopɔn ayɛ; 10na wonim sɛ ɔne nea adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefi pon Fɛfɛ no ano no, na nea ayɛ no no yɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw koraa. 11#Aso 5.12 Bere a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika behyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Solomon de no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa. 12Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi? 13#Aso 5.30; Yes 53.11; Aso 2.23 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no. 14#Mat 27.20-21 Na mopaa Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mosrɛe sɛ wɔmfa owudifo nkyɛ mo. 15#Aso 4.10 Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn. 16Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
Gyidi ne osetie
17 # Luka 23.34 Na afei, anuanom, minim sɛ onim a munnim nti na moyɛe, sɛ mo mpanyimfo ara. 18#Luka 24.27 Na Onyankopɔn ama nea ɔnam n’adiyifo nyinaa anom ka too hɔ sɛ Kristo no behu amane no aba mu saa. 19#Aso 2.38 Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, 20na ɛyɛ a, ahodwo nna afi Awurade anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw, Yesu Kristo no 21a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu. 22#Deut 18.15; 18.19 Na Mose nso kae sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no so ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na muntie nea ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa. 23Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifo no, wɔbɛsɛe no afi ne man mu. 24Na adiyifo nyinaa, a efi Samuel so ne wɔn a wodidi so no, dodow a wɔkasae, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm. 25#Gye 22.18 Mone adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamee no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: w’asefo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa. 26#Aso 13.46 Mo na Onyankopɔn nyan n’akoa no, ɔsomaa no mo nkyɛn kan, sɛ ommehyira mo, sɛ ɔbɛdan mo nyinaa afi mo bɔne ho.

Currently Selected:

Asomafo 3: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in