Marko NHYƐNMU
NHYƐNMU
Marko asɛmpa no fi ase sɛ: Yesu Kristo, Onyankopɔn ba no asɛmpa. Nea ɛda no adi ne sɛ: Yesu yɛ onipa a ɔwɔ ahokeka ne tumi. Ne tumi no yi ne ho adi wɔ ne kyerɛkyerɛ mu. Afei nso ɔwɔ ahonhommɔne so tumi na otumi de nnipa mfomso kyɛ wɔn nso. Yesu frɛ ne ho sɛ: Onipa Ba no. Ɔde ne nkwa mae de gyee nnipa fii wɔn bɔne mu.
Marko ma yehu Yesu ho asɛm tiaa mu ne ahoɔden so. Osi nea Yesu yɛe so dua daa sen nsɛm a ɔkae na ɔkyerɛkyerɛe no. Ofii ase kaa Osuboni Yohane ho asɛm ne Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ bere tiaa bi mu, na afei ɔkyerɛwfo no yɛɛ ntɛm kasa faa Yesu som adwuma a ɛyɛ ayaresa ne ne nkyerɛkyerɛ ho. Mmere kakraa bi akyi no, Yesu akyidifo no tee n’asɛm ase yiye, wɔ bere a n’atamfo nso tan no ara. Ti a edi akyi no ka nsɛm a esisii a Yesu de wiee asase so asetena ne titiriw ne ne wu ne ne wusɔre.
Awiei ahorow abien na ɛwɔ Marko Asɛmpa no mu. Nea ɛwɔ nkahyɛmude abien no mu no (Ti 16: 9-20) nnipa pii adwene ne sɛ ɛnka nea mfiase no wɔkyerɛwee no Marko mu no ho.
EMU NSƐM
Asɛmpa no mfiase 1.1-13
Yesu som adwuma wɔ Galilea abɔnten so 1.14—9.50
Yesu fi Galilea kɔ Yerusalem 10.1-52
Yesu bɛn Yerusalem, ne ne nnawɔtwe a edi akyi a odii wɔ hɔ no 11.1—15.47
Yesu wusɔre no 16.1-8
Awurade wusɔre no, n’ahoyi ne ne sorokɔ 16.9-20
Currently Selected:
Marko NHYƐNMU: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.