Luka 2
2
Yesu awo
1Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din. 2Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no. 3Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din. 4Na Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne n'abusua mu, 5#Luka 1.27 kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a n'awo abɛn no din. 6Na ɛbae sɛ wɔwɔ hɔ no, n’awo duu so, 7#Mat 1.25 na ɔwoo n’abakan barima, de ntama kyekyeree no, de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu.
Nguanhwɛfo ne abɔfo no
8Na nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo. 9Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn. 10Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo, 11sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom. 12Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 13#Dan 7.10 Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ:
14 #
Luka 19.38; Yes 57.19; Efe 2.14; 2.17 Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro
na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.
15Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ! 16Na wɔkɔɔ ntɛm so, na wokohuu Maria ne Yosef ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu. 17#Luka 2.10-12 Na wohuu no no, wɔkaa abofra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no. 18Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa. 19#Luka 2.51 Na Maria de, ɔde nsɛm yi nyinaa siei dwennwen ho ne koma mu. 20Na nguanhwɛfo no san kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na woyii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wokohui sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.
Abofra no dinto
21 #
Luka 1.31; 1.59 Na odii nnawɔtwe a wɔrebetwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔbɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no.
Wɔde abofra no kɔ Yerusalem
22 #
Lew 12
Na wɔn ahodwira nna dui sɛnea Mose mmara se no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade 23#Eks 13.2(sɛnea wɔakyerɛw Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a obebue ɔyafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,) 24#Lew 12.8 na wɔakɔbɔ afɔre sɛnea ɛte Awurade mmara mu no: Nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien.
Simeon
25 #
Yes 40.1; 49.13 Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so. 26Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo a ɔyɛ Awurade no ansa. 27Na Honhom no ma ɔkɔɔ asɔrefi hɔ; na abofra Yesu no awofo de no bae sɛ wɔrebɛyɛ sɛnea mmara no te ama no no, 28ɔfaa no too n’abasa so, yii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkae sɛ:
29 #
Gye 46.30
Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu
sɛnea w’asɛm se;
30efisɛ m’ani ahu wo nkwagye
31a woasiesie aman nyinaa anim,
32 #
Yes 42.6; 49.6 ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.
33Na nea wɔkae ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwonwa. 34#Yes 8.14; Mat 21.44; 1 Ko 1.23 Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ:
Hwɛ, abofra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne sɔre
ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia no,
35na wo nso, afoa behwirew w’ankasa kra mu,
na koma bebree mu adwene ayi adi.
Hana
36Na odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ofi Aser abusuakuw mu. Wanyin, na ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfirihyia asɔn. 37#1 Tim 5.5 Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee. 38#Luka 2.25 Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.
Wɔsan kɔ Nasaret
39Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu. 40#Luka 2.52; 1.80 Na abofra no nyinii, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Onyankopɔn adom wɔ no so.
Yesu wɔ asɔrefi
41 #
Eks 23.14-17
Na n’awofo kɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase. 42Na odii mfirihyia dumien no, wɔkɔe sɛnea afahyɛ no ho amanne te. 43#Eks 12.18 Na wodii nna no wiei, na wɔresan aba no, abofra Yesu no kaa akyiri wɔ Yerusalem, nanso na n’awofo nnim. 44Na wosusuwii sɛ wafra nnipakuw no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafo ne amannifo mu. 45Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm. 47Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa. 48Na wohuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw na ahwehwɛ wo. 49#Yoh 2.16 Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi? 50Na wɔn de, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.
Yesu setie ne ne nyin
51 #
Luka 2.19
Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam. 52#1 Sa 2.26; Mmb 3.4 Na Yesu nyinii, nyansa ne kɛseyɛ, ne ɔsɔɔ Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.
Currently Selected:
Luka 2: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.